Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Yohane 18 - Apam Foforɔ


Yesu yima ne ne kyeɛ
( Mateo 26:47-56 ; Marko 14:43-52 ; Luka 22:47-53 )

1 Na Yesu kaa nsɛm yei nyinaa wieeɛ he, ɔne n’asuafoɔ he firii adi kotwaree Nsuo Kidron kɔɔ turo bi mu.

2 Na Yuda a oyii no maeɛ nso nim hɔ, efiri sɛ na Yesu taa hyia n’asuafoɔ he hɔ.

3 Nti Yuda de asrafokuo ne awɛmfoɔ a befiri asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he nkyɛne baa hɔ a na bekitakita ntanii ne nkanea ne akodeɛ.

4 Afei, Yesu a na onim nea ɔbɛto no nyinaa he, pinii anim na obisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?”

5 Bebuaa no sɛ, “Yesu, Nasareni he.” Yesu buaa bɛ sɛ, “Ɔyɛ me a.” Saa berɛ he na Yuda a oyii no maeɛ he ne bɛ ne gyina hɔ.

6 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ “Ɔyɛ me a.” Na bɛpimpinii bɛ akyi na bɛhwehwee ase.

7 Na obisaa bɛ bio sɛ, “Hwane ne hoohwehwɛ no?” Na bɛkaa sɛ, “Yesu, Nasareni he a.”

8 Yesu buaa sɛ, “Maka akyerɛ ho sɛ ɔyɛ me a.” Nti sɛ me ne hoohwehwɛ me deɛ a, homma saa mmeema yi nkɔ!

9 Yei maa asɛm a bɛkaeɛ he baam sɛ, “Mamma bɛ a wode bɛ maa me he mu baako koraa anyera.”

10 Na Simon Petro twee sekane twaa sɔfopanyini he akoa aso nifa. Na akoa he de Malko.

11 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa sekane he hyɛ bɔha he mu. Nti ɔnsɛ sɛ mennom kuruwa a Agya he de ama me he anaa?”


Bɛde Yesu kogyina sɔfopanyini anim
( Mateo 26:57-75 ; Marko 14:53-72 ; Luka 22:54-71 )

12 Afei asrafokuo he ne bɛ safohene ne Yudafoɔ awɛmfoɔ he kyee Yesu, na bɛkyekyeree no.

13 Bedii kane de no kɔɔ Anas hɔ. Na Anas yɛ Kaiafa a na ɔyɛ sɔfopanyini saa afe he ase.

14 Kaiafa yɛ bi a otuu Yudafoɔ he fo sɛ ɔyɛ sɛ nipa baako bewu ama mane he.


Petro yii Yesu mmaeɛ

15 Na Simon Petro ne suani foforɔ bi dii Yesu akyi. Saa suani he yɛ bi a na sɔfopanyini he nim no, na ɔne Yesu kɔɔ sɔfopanyini he abane mu hɔ,

16 nso Petro deɛ na ogyina aboboa he ano abɔntene hɔ. Nti suani foforɔ a na sɔfopanyini he nim no he baa abɔntene. Na ɔne baa a na ɔyɛ aboboa he ano hwɛfoɔ he kɔkasae. Na ɔde Petro baa mu.

17 Na baa he bisaa Petro sɛ, “Wo nso woyɛ beema yi asuafoɔ he mu baako, ɔnte saa?” Petro kaa sɛ, “Daabi menka ho.”

18 Na esiane sɛ na awɔ yam nti, na nkoa ne awɛmfoɔ he de bidie asɔ gya gyinagyina ho ɔɔto. Na Petro nso ne begyina hɔ ɔɔto gya he bi.


Sɔfopanyini he totoo Yesu Ano

19 Na afei sɔfopanyini he bisaa Yesu asɛm faa n’asuafoɔ ne ne nkyerɛkyerɛ ho.

20 Yesu buaa sɛ, “Me deɛ makasa akyerɛ wiase badwam; mekyerɛkyerɛɛ hyia adane ne asɔredane mu daa, baabi a Yudafoɔ nyinaa hyia he. Menkaa bibiaa kokoam.

21 Mmɛ nti ne wobisa me? Bisa bɛ a bɛtee nea meka kyerɛɛ bɛ he; benim nea mekaeɛ.”

22 Na ɔkaa yei he, awɛmfoɔ he mu baako a na ogyina hɔ bɔɔ Yesu asom, kaa sɛ “Nti, sɛnea wobuaa sɔfopanyini di?”

23 Yesu buaa sɛ, “Sɛ maaka asɛmmɔne a, di bɔne he ho adanseɛ, na sɛ nea mekaeɛ he yɛ a, ɛɛne nti ne wobɔ me?”

24 Na Anas maa bɛkyekyeree Yesu de no kɔmaa sɔfopanyini Kaiafa.


Petro yii Yesu mmaa bio

25 Saa berɛ yi na Simon Petro gyina hɔ ɔɔto gya. Bebisaa no sɛ, “Wo nso woyɛ beema yi asuafoɔ he mu baako, ɔnte saa?” Ɔsanee sɛ, “Daabi menka ho.”

26 Na sɔfopanyini he akoa a Petro twaa n’aso he busuani kaa sɛ, “Manhu wo ne no turom hɔ?”

27 Petro sanee bio sɛ ɔnte saa, na amonom hɔaa akokɔ bɔneeɛ.


Bɛde Yesu kogyinaa Pilato anim
( Mateo 27:2 , 11-30 ; Marko 15:1-19 ; Luka 23:1-25 )

28 Na bɛde Yesu firii Kaiafa hɔ kɔɔ amrado Pilato abane mu. Na ɔyɛ anɔpatutuutu. Na Yudafoɔ he ankasa ankɔ amrado abane he mu sɛnea ɔbɛyɛ a bengu bɛ ho fi na bɛatumi adi Twam he bi.

29 Nti Pilato kɔɔ bɛ nkyɛne abɔntene bisaa bɛ sɛ, “Mmɛ soboɔ ne hode ɔɔbɔ saa beema yi?”

30 Bɛkaa sɛ, “Sɛ beema yi nyɛ nipa bɔnefoɔ a, nka yɛamfa no ammrɛ wo.”

31 Pilato ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho ankasa homfa no nkobu no atɛne sɛnea ho mmara teɛ.” Yudafoɔ he buaa sɛ, “Mmara mma yɛ kwane mma yenku biaa.”

32 (Yei maa asɛm a Yesu ka faa wuo korɔ a na oobewu he ho he baa mu.)

33 Nti Pilato kɔɔ amrado abane he mu hɔ bio, na ɔfrɛɛ Yesu bisaa no sɛ, “Wo ne Yudafoɔ hene he?”

34 Yesu buaa sɛ, “W’ankasa na woabɔ wo tim ɔɔka yei anaa nipa bi ne kaa me ho asɛm kyerɛɛ wo?”

35 Pilato buaa sɛ, “Menyɛ Yudani, anaa meyɛ bi? Wo ankasa wo manfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne de wo ahyɛ me nsa. Mmɛ adeɛ ne woayɔ?”

36 Yesu buaa sɛ, “M’ahennie mfiri wiase yi mu. Sɛ nka ofiri wiase yi mu a, nka m’asomfoɔ bɛko na bɛamfa me anhyɛ Yudafoɔ he nsa. Nso m’ahennie mfiri ha.”

37 Pilato bisaa no sɛ, “Nti woyɛ hene?” Yesu buaa sɛ, “Wone wooka sɛ meyɛ hene. Me deɛ yei nti ne bɛwoo me, na mebaa wiase sɛ meebedi nɔkorɛ he ho adanseɛ. Biaa a ofiri nɔkorɛ he tie me nne.”

38 Pilato bisaa no sɛ, “Ɛɛne ne nɔkorɛ?” Ɔkaa yei wieeɛ he, ɔsane firi kɔɔ Yudafoɔ he hɔ kɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mennhuu mfomsoɔ biaa ne ho.


Bebuaa Yesu Kumfɔ

39 Nso howɔ amanneɛ bi sɛ, sɛ Twam duru a megyae nipa baako ma ho. Nti hopɛ sɛ megyae Yudafoɔ hene he ma ho anaa?”

40 Bɛteaam kaa sɛ, “Ɔnyɛ yie, na mmom Baraba!” Na Baraba yɛ dwotwafoɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ