Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Romafoɔ 4 - Apam Foforɔ


Abraham nhwɛsoɔ

1 Ɔte saa a afei mmɛ ne yɛbɛka sɛ ɔyɛ mfasoɔ a Abraham a ɔyɛ yɛ honam fam agya-panyini he nyaeɛ?

2 Sɛ nnwuma mu ne bebuu Abraham bem a, nka ɔwɔ nea ɔde bɛhoahoa ne ho, nso ɔnyɛ Nyankopɔn anim.

3 Na mmɛ twerɛsɛm he ka? “Abraham gyee Nyankopɔn diiɛ, na Nyankopɔn buu ne gyidie he sɛ tenenee maa no.”

4 Na afei sɛ bi yɔ adwuma a, bemmu n’akatua sɛ akyɛdeɛ, na mmom bebu no sɛ adeɛ ɔfata no.

5 Nso bi a wannyɔ adwuma he gye nea obu debɔnyɛni bem he di a, obu saa gyidie he sɛ tenenee ma no.

6 Nti Dawid nso kasa faa nhyira a ɔba bɛ a Nyankopɔn kwati bɛ nnwuma bu bɛ bem he ho sɛ:

7 “Nhyira ne bɛ a bɛde bɛ mmarato akyɛ bɛ, na bɛakata bɛ bɔne so;

8 nhyira ne nipa a Awurade mmu ne bɔne ngu ne so.”

9 Nti saa nhyira yi, kɔma bɛ a bɛatwa bɛ twetia nkoaa, anaa bɛ a bentwaa bɛ twetia nso ka ho? Yɛpae mu ka sɛ, Gyidie ne bɛde buu Abraham sɛ ɔtene.

10 Mmɛ kwane so ne bɛde buu no saa? Ɔyɛ berɛ a na bentwaa no twetia he anaa betwaa no twetia wieeɛ he a? Ɔnnyɛ twetiatwa he akyi, na mmom yei siiɛ ansa na betwaa no twetia.

11 Onyaa twetiatwa he ho nsɛnkyerɛnne sɛ tenenee a ɔnam gyidie so nyaeɛ he ho nsɔano berɛ a na bentwaa no twetia. Nyankopɔn yɔɔ yei nam so ama Abraham abɛyɛ bɛ a bentwaa bɛ twetia, na nso bɛgye Nyankopɔn di he nyinaa agya, na ne saa nti bɛabu bɛ nso sɛ ateneneefoɔ,

12 saa ara nso ne ɔyɛ agya ma twetiafoɔ a, ɔnyɛ bɛ twetiatwa nkoaa, na mmom bɛnam yɛ agya Abraham a onyaa gyidie ansa na betwaa no twetia he anammɔno mu.


Nyankopɔn nhwɛsoɔ a ɔnam gyidie so

13 Na bɔ a bɛhyɛɛ no sɛ obedi adeɛ wiase he annyɛ bɔhyɛ a ɔnam mmara so maa Abraham anaa n’asefoɔ na mmom ɔnam gyidie tenee so.

14 Sɛ mmara sodifoɔ he ne ɔsɛ sɛ bɛyɛ adedifoɔ a, hedeɛ na gyidie yɛ kwa na bɔhyɛ he nso nni mu;

15 efiri sɛ mmara he twetwe Nyankopɔn abufuo ba; na sɛ mmara nni hɔ a, mmarato biaa nso nni hɔ.

16 Ne saa nti ogyina gyidie so, sɛnea ɔbɛyɛ a bɔhyɛ he begyina adom so na adi agyinamu ama n’asefoɔ nyinaa, ɔnnyɛ mmara sodifoɔ he nkoaa, na mmom bɛ a bekura Abraham gyidie he bi, efiri sɛ ɔyɛ yɛ nyinaa yɛ agya,

17 sɛnea bɛatwerɛ sɛ “Maayɔ wo amane bebree bɛ agya,” Nyankopɔn a ɔgye no di he anim, nea ɔma awufoɔ nkwa, na ɔfrɛ adeɛ a onni hɔ ma no ba.

18 Berɛ a na anidasoɔ nni hɔ he, Abraham gyinaa anidasoɔ so gye dii sɛ ɔbɛyɛ amane bebree agya sɛnea bɛaka sɛ he, “Saa ara ne w’asefoɔ bɛyɛ bebree.”

19 Ne gyidie anhinhim, mpo berɛ a ohuu sɛ ne nipadua ayɛ sɛnea awu (efiri sɛ na waadi mfeɛ ha), anaa berɛ a ohuu sɛ Sara yɛ bonyini he.

20 Na Nyankopɔn bɔhyɛ he ho deɛ wamma annyeannie biaa amma n’akwane mu, amma no annye akyinnye, na mmom ogyinaa pintinn gyidie mu na ɔhyɛɛ Nyankopɔn animuonyam,

21 onyaa awerɛhyɛmu paa sɛ Nyankopɔn betumi ayɔ nea w’ahyɛ ho bɔ he.

22 Gyidie a ɔnyaa yɛ nti “bebuu ne sɛ ɔtene.”

23 Afei nsɛm a ɔka sɛ, “Nyankopɔn buu ne gyidie sɛ tenenee maa no” he, bɛantwerɛ amma ɔno nkoaa,

24 na mmom bɛtwerɛ maa yɛ nso; na bɛabu yɛ a yɛgye nea ɔnyanee Yesu a ɔyɛ yɛ Awurade firii awufoɔ mu he di nso sɛ yɛ tene.

25 Yesus ne yɛ bɔne nti beyii no maa wuo na yɛ bembuo nti bɛyanee no he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ