Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Mateo 8 - Apam Foforɔ


Yesu saa kwatani bi yadeɛ
( Marko 1:40-45 ; Luka 5:12-14 )

1 Berɛ a Yesu siane firii mmepɔ he so he, nnipadɔm pii dii n’akyi.

2 Na hwɛ, kwatani bi baa ne hɔ bebuu nkotodwe n’anim, kaa sɛ, “Awurade, sɛ wopɛ a, wobetumi ama me ho afiri.”

3 Na Yesu tenee ne nsa de kaa no, kaa sɛ, “Mepɛ. Wo ho mfiri!” Amonom hɔaa ne kwata he firii ne ho.

4 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ na woanka ankyerɛ nipa biaa; afei kɔ, fa wo ho kɔkyerɛ sɔfo, na bɔ afɔdeɛ a Mose hyɛeɛ he, na ɔnyɛ adansedie mma bɛ.”


Yesu saa asraafoɔ ha so panyini bi akoa yadeɛ
( Luka 7:1-10 )

5 Na oduruu Kapernaum he, asraafoɔ ha so panyini bi baa ne hɔ, srɛɛ no

6 sɛ, “Awurade, m’akoa abubu gu fie a ohu amane paa.”

7 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Mɛba abɛsa no yadeɛ.”

8 Na asraafoɔ ha so panyini he buaa sɛ, “Owura, memfata sɛ wobɛba me fie; kasa kɛkɛ, na m’akoa he ho bɛtɔ no.

9 Na me nso meyɛ bi a me di tumi a asraafoɔ hyɛ m’ase; sɛ meka kyerɛ baako sɛ, “Kɔ a ɔkɔ,” na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ, “Bra,” a ɔba, na mehyɛ m’akoa so sɛ, “Yɔ yei” a, ɔyɔ.”

10 Na Yesu tee deɛ ɔkaeɛ he, ne ho dwirii no, na ɔka kyerɛɛ bɛ a bedi n’akyi he sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, menhu biaa Israel mu a ɔwɔ gyidie sei.

11 Meeka akyerɛ ho, nnipa bebree firi apieeɛ ne atɔeɛ bɛba ne Abraham ne Isak ne Yakob abɛtena soro ahennie mu abedidi,

12 na ahennie he mma paa deɛ bɛbɛto bɛ atwene sum kabii mu, baabi a suu ne benabɔ ya.”

13 Na Yesu ka kyerɛɛ asraafoɔ ha so panyini he sɛ, “Kɔ; ɔnyɔ hɔ ma wo sɛdeɛ wo gyidie teɛ.” Na akoa he ho tɔɔ no saa dɔnhwere heaa mu.


Yesu saa nnipa bebree yadeɛ ya Petro fie
( Marko 1:29-34 ; Luka 4:38-41 )

14 Na afei Yesu kɔɔ Petro fie, na abunu akye Petro ase baa da hɔ.

15 Yesu sɔɔ ne nsa, na abunu he gyaeɛ, na ɔsɔreeɛ, na ɔyɔɔ no ahɔhoyɛ.

16 Saa anwummerɛ he bɛde nnipa bebree a bɛwɔ ahohommɔne braa no; ɔde tumi a ɔya n’asɛm mu tutuu ahohommɔne he, na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ.

17 Yei maa deɛ diyifoɔ Yesaia kaeɛ he baam sɛ, “Ɔfaa yɛ mmerɛyɛ na ɔsoaa yɛ yadeɛ.”


Yesu daakye akyidifoɔ
( Luka 9:57-60 )

18 Afei Yesu huu nnipadɔm pii sɛ bɛatwa ne ho ahyia he, ɔhyɛɛ sɛ bentwa nkɔ fa nohoaa.

19 Twerɛfoɔ bi baa ne nkyɛne sɛ, “Kyerɛkyerɛni, medi w’akyi baabi a wobɛkɔ biaa.”

20 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”

21 Na suani foforɔ nso kaa sɛ, “Awurade, mma me kwane na menni kane nkosie me papa.”

22 Nso Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Di m’akyi, na ma awufoɔ nsie bɛ awufoɔ.”


Yesu brɛɛ ahum ase
( Marko 4:36-41 ; Luka 8:23-25 )

23 Na Yesu tenaa kodoɔ he mu he, n’asuafoɔ dii n’akyi.

24 Ahum kɛseɛ bi bɔ faa po he so, na ano dene nti asorɔkye he baa kodoɔ he mu; nso na Yesu ada.

25 Na asuafoɔ he baa ne nkyɛne bɛyanee no, sɛ, “Awurade, gye yɛ! Yɛɛhwere yɛ nkwa!”

26 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Mmɛ ntia ho suro yi, ho a ho gyidie sua?” Na ɔsɔreeɛ na ɔteateaa mframa ne po he; na bɛyɛɛ dinn koraa.

27 Na yei yɛɛ bɛ nwanwa, na bɛkaa sɛ, “Abɛ nipa di a, mframa ne po mpo yɔ setie ma no yi?”


Yesu tutuu ahonhommɔne ya Gadarene
( Marko 5:1-17 ; Luka 8:26-37 )

28 Na Yesu duruu asuogya hɔ he, Gadarenefoɔ asaase so he, nnipa mmienu a bɛwɔ honhommɔne firi afunsieɛ behyiaa no. Na bɛ ho hu nti, na nnipa biaa ntumi ntwam saa kwane he so.

29 Amonom hɔaa bɛteateam sɛ, Mmɛ ne wo ne yɛ wɔ yɔ, Nyankopɔn Ba? Woaba ha sɛ wobɛha yɛ ansa na mmerɛ he aduru anaa?

30 Saa mmerɛ he na mprakokuo bebree bi oodidi nkyɛne hɔ.

31 Na ahohommɔne he srɛɛ no sɛ, “Sɛ wotutu yɛ a, ma yɛnkɔ mprakokuo yi mu.”

32 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ!” Nti bɛkɔ kɔ wuraa mprakokuo he mu; na hɔaa, mprako he nyinaa bɔɔ bum sianee monku he mu koguu po he mu ma bɛ ase hyeeɛ.

33 Na bɛ a bɛɛhwɛ mprakokuo he dwane kɔɔ kurom hɔ, kaa deɛ asi fa bɛ a na bɛwɔ ahohommɔne he ho kyerɛɛ bɛ.

34 Na afei kuro mu he nyinaa ba behyiaa Yesu; na behuu no he, bɛsrɛɛ no sɛ ommfiri bɛ mpɔtamu hɔ nkɔ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ