Mateo 4 - Apam FoforɔYesu sɔhwɛ ( Marko 1:12-13 ; Luka 4:1-13 ) 1 Na afei Honhom he dii Yesu anim de no kɔɔ serɛ so sɛ Bronsam nkɔ sɔ no nhwɛ. 2 Odii mmuada adaduannan, awia ne anadwo, na yei akyi he kɔm dee no. 3 Na sɔhwɛfoɔ he ba bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, hyɛ ma aboɔ yi nnane paanoo.” 4 Nso ɔmaa no mmuaeɛ sɛ, “Bɛatwerɛ sɛ ɔnyɛ paanoo nkoaa so ne nipa nam benya nkwa, na mmom asɛm biaa ofiri Nyankopɔn anum nso.” 5 Afei Bronsam de no kɔɔ kuro kronkron he mu de no kosii asɔredane he atifi, 6 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wo ne Nyankopɔn ba he a, to wo ho hwe fam; na bɛatwerɛ sɛ, Ɔbɛhyɛ n’abɔfoɔ ama wo na bɛbɛsɔ wo bɛ nsam, na wo nane ɔmpem boɔ.” 7 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛatwerɛ bio sɛ, ‘Nsɔ Awurade wo Nyankopɔn nhwɛ.’ ” 8 Afei nso, Bronsam faa no de no kosii bepɔ tentene bi atifi, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie ne mu afɛfɛdeɛ nyinaa, 9 na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ wobɛkoto asɔre me a, nka mede saa nnoɔma yi nyinaa bɛma wo.” 10 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Firi hɔ, Satan! Na bɛatwerɛ sɛ: “Awurade wo Nyankopɔn nkoaa ne sɔre no, na ɔno nkoaa nso ne som no.” 11 Yei akyi he, Bronsam gyaa no hɔ, na afei abɔfoɔ ba bɛsomm no. Yesu kɔɔ Galilea ( Marko 1:14-15 ; Luka 4:14-15 ) 12 Na afei Yesu tee sɛ bɛakye Yohane he, osiim kɔɔ Galilea. 13 Ofirii Nasaret na ɔkɔtenaa Kapernaum po he ho, Sebulon ne Naftali, mpɔtamu, 14 sɛdeɛ ɔbɛyɛ a nkɔmhyɛ a ɔnam diyifoɔ Yesaia so baeɛ he bɛba mu sɛ: 15 “Sebulon asaase, Naftali asaase, po ho kwane so, Yordan agya amanamane mufoɔ Galilea— 16 nkurofoɔ a na bɛte sum mu he bɛahu hann kɛseɛ, na bɛ a bɛte sum mu he, bɛahu hann kɛseɛ bi; na bɛ a bɛte wuo sunsum asaase so he, hann apie bɛ so.” 17 Ofiri saa mmerɛ he ɔɔkɔ he, Yesu firii aseɛ pae mu kaa sɛ, “Honsakra ho adwene na soro ahennie he abɛne.” Yesu frɛɛ asuafoɔ nnan bi ( Marko 1:16-20 ; Luka 5:1-11 ) 18 Na Yesu nam Galilea po ho he, ohuu anuanom mmienu, Simon, a bɛfrɛ no Petro, ɔne ne nua Andrea, sɛ beegu asau po he mu—efiri sɛ na bɛyɛ apofofoɔ. 19 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honni m’akyi, na mɛma hoayɛ nnipa yifoɔ.” 20 Amonom hɔaa begyaa bɛ asau he hɔ kodii n’akyi. 21 Na ofirii hɔ he, ohuu anuanom mmienu bi, Yakobo, Sebedeo ba ne ne nua Yohane, sɛ bɛ ne bɛ papa Sebedeo te kodoɔ mu a beesiesie bɛ asau, na ɔfrɛɛ bɛ. 22 Amonom hɔaa begyaa bɛ kodoɔ ne bɛ papa hɔ, na bekodii n’akyi. Yesu kaa Nyankopɔn asɛm na ɔsaa yareɛ ya Galilea 23 Yesu kyinkyinii Galilea nyinaa, kyerɛkyerɛɛ bɛ hyia adane mu, na ɔpae mu kaa ahennie he ho asɛmpa na ɔsaa bɛ a bɛyare nyinaa yadeɛ. 24 Nti ne ho asɛm trɛɛ Siria nyinaa, na bɛde ayarefoɔ, bɛ a bɛyare yadeɛ ahodoɔ ne bɛ a bɛ honam tutu bɛ, ne bɛ a honhom fi ne twerɛ ya bɛ so, ɔne mmubuafoɔ nyinaa, baa ne nkyɛne. Na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ. 25 Na nkurofoɔ akuoakuo pii firi Galilea, Dekapoli, Yerusalem, Yudea, ne Yordan agya nyinaa dii n’akyi. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana