Mateo 2 - Apam FoforɔNsoromma mu animdefoɔ bi kɔsraa Abɔfra Yesu 1 Hene Herode berɛ so he, bɛwoo Yesu Betlehem a ɔya Yudea. Na yei akyi he, nsoromma mu animdefoɔ bi firi apieeɛ baa Yerusalem, 2 bebisaa sɛ, “Hefa ne Yudafoɔ hene a bɛawo no he ya? Yɛahu ne nsoromma apieɛ, na yɛaba sɛ yɛɛbɛkoto no.” 3 Berɛ a Herode a ɔyɛ hene he teeɛ he, ɔne Yerusalemfoɔ nyinaa akoma tuiɛ; 4 na ɔfrɛɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne mane he mu atwerɛfoɔ nyinaa bisaa bɛ baabi a ɔsɛ sɛ bɛwo Kristo he. 5 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, ɔsɛ sɛ bɛwo no Betlehem a ɔya Yudea, sɛnea adiyifoɔ he bɛatwerɛ ato hɔ sɛ: 6 “Na wo, Betlehem a woya Yuda asaase so, wonyɛ kumaa Yuda amane mufoɔ mu, efiri sɛ wo mu ne bɛbɛfrɛ safohene afiri a ɔbɛyɛ dwanhwɛfoɔ ama me mane Israel.” 7 Afei Herode frɛɛ nsoromma mu animdefoɔ he kokoam bisaa bɛ berɛ pɔtee a saa nsoromma he pieeɛ. 8 Na ɔsomaa bɛ Yerusalem, kaa sɛ, “Honkɔhwehwɛ abɔfra he yie; na sɛ hohu no a, hommɛka nkyerɛ me na me nso menkɔkoto no bi.” 9 Na betiee hene he nsɛm he wieeɛ he, befirii hɔ; na hɔaa, nsoromma a opieeɛ he dii bɛ anim, kosii sɛ okogyinaa baabi a abɔfra he ya. 10 Behuu sɛ nsoromma he agyina he, bɛ ani gye boroo so. 11 Bewuraa fie a na abɔfra he yam he mu he, behuu ɔne ne maame Maria, na bɛkoto sɔree no. Afei, bebiee bɛ kotokuo mu yii sikakɔkɔɔ, krobo, ne aduhwam de yɔɔ no ayɛ. 12 Na bɛbɔɔ bɛ kɔkɔ daeɛ mu sɛ bɛnnsane nkɔ Herode hɔ bio he, bɛfaa kwane foforɔ so kɔɔ bɛ kurom. Yosef de abɔfra he dwane kɔɔ Misraim 13 Na nsoromma mu animdifoɔ he firii hɔ he, Nyankopɔn bɔfoɔ yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, na honnwane nkɔ Misraim, na hontena hɔ nkosi sɛ mɛka bibi akyerɛ ho bio ɔfa yei ho; efiri sɛ Herode ɔɔpɛ abɔfra he aku no.” 14 Na Yosef sɔreeɛ, na ɔfaa abɔfra he ne ne maame anadwo he, na bɛkɔɔ Misraim, 15 na bɛtenaa hɔ kosii sɛ Herode wuiɛ. Yei maa deɛ Awurade nam diyifoɔ he so kaeɛ he baa mu sɛ, “Misraim ne mafrɛ me ba he afiri.” Bekuu mmɔfra 16 Na Herode huu sɛ nsoromma mu animdefoɔ he adaadaa no he, ne bo fuu kɛse paa, na ɔsoma maa bekokuu mmɔfra mmeema a benni mmoroo mfie mmienu nyinaa a bɛya Yerusalem ne ne mpɔtamu, sɛnea berɛ a ohu firii nsoromma mu animudefoɔ he hɔ kyerɛ he. 17 Na diyifoɔ Yeremia asɛm he baam sɛ: 18 “Bɛtee nne bi Rama, su ne adwotwa dendene, Rahel oosu ne mma, ɔmma kwane mma ne werɛ nkyekyere, efiri sɛ benni hɔ bio.” Yosef ne abɔfra he firii Misraim sane baeɛ 19 Na Herode wuiɛ he, hwɛ, Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi daeɛ mu kyerɛɛ Yosef Misraim na ɔka kyerɛɛ no sɛ, 20 “Sɔre, fa abɔfra he ne ne maame, kɔ Israel mane mu, bɛ a bɛɛpɛ abɔfra he aku no he nyinaa awuwu.” 21 Na Yosef sɔre faa abɔfra he ne ne maame, de bɛkɔɔ Israel asaase so. 22 Nso ɔtee sɛ Arkelao asi ne papa Herode anane mu oodi adeɛ Yudea he, osuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Na afei, bɛbɔɔ no kɔkɔ daeɛ mu he, ɔkɔɔ Galilea mansinim. 23 Na ɔkɔtenaa baabi a bɛfrɛ hɔ Nasaret, nti deɛ diyifoɔ he kaeɛ he baam sɛ, “Bɛbɛfrɛ no Nasareni.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana