Marko 8 - Apam FoforɔƆmaa Nnipa Mpem nnan Aduane ( Mateo 15:32-39 ) 1 Afei da foforɔ bi nso a ɔkɔ baa sɛ na nnipadɔm he nni hwee a bebedi he, Yesu frɛɛ n’asuafoɔ he, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, 2 “Nnipadɔm yi ne me atena nnansa di, na seesei deɛ bɛyɛ me mmɔbɔ efiri sɛ bibiaa nni hɔ a aka a bebedi. 3 Sɛ mema bɛde kɔm kɔ a, bebetwa ahwe kwane so, binom nso firi akyirikyiri ne baeɛ.” 4 N’asuafoɔ he bisaa no sɛ, “Ɔbɛyɛ dɛ na bi atumi anya aduane ama nnipadɔm yi serɛ yi so?” 5 Obisaa bɛ sɛ, “Paanoo mmeɛhe ne howɔ?” Bɛkaa sɛ, “Nson.” 6 Na ɔhyɛɛ nnipadɔm he maa bɛtenaa fam, na ɔfaa paanoo nson he na ɔdaa ase wieeɛ he, obubuu mu na ɔde maa n’asuafoɔ he sɛ bɛnkyɛ, na bɛkyɛ maa nnipadɔm he. 7 Na bɛwɔ nkyenam kakra bi nso, na ohyiraa so wieeɛ he, ɔhyɛɛ sɛ bɛnkyɛ ɔno nso. 8 Bedi mmeeɛ, na bɛsesaa aseɛ mproprowa nkɛntɛne nson ma ma. 9 Na nnipa he bɛyɛ mpem nnan. Na ogyaa bɛ kwane maa bɛkɔeɛ. 10 Na amonom hɔaa ɔne n’asuafoɔ he tenaa kodoɔ he mu na bɛkɔɔ Damanuta mansinim. Soro nsɛnkyerɛnne ( Mateo 16:1-12 ) 11 Afei Farisifoɔ he baa ne nkyɛne ne no bɛgyee akyinnye, bisaa no nsɛnkyerɛnne a ofiri soro, de sɔɔ no hwɛeɛ. 12 Na oguu ahome ne honhom mu bisaa sɛ, “Mmɛ nti ne nneemmafoɔ bisa nsɛnkyerɛnne? Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, bɛmmfa nsɛnkyerɛnne biaa mma nneemmafoɔ.” 13 Na ogyaa bɛ hɔ, na ɔtenaa kodoɔ he mu bio, tware kɔɔ nsuo he agya. Farisifoɔ ne Herode Mmɔreka 14 Na asuafoɔ he werɛ firii sɛ bɛbɛfa paanoo, na paanoo baako pɛ ne ya bɛ nkyɛne kodoɔ he mu. 15 Na ɔbɔɔ bɛ kɔkɔ sɛ, “Hwɛ! Honya ahweyie Farisifoɔ mmɔreka ne Herode mmɔreka ho.” 16 Bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Yenni paanoo he nti ne ɔɔka yei anaa?” 17 Na Yesu huu saa he, obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne hooka sɛ honni paanoo? Nti obesi nnɛ yi honhuu anaa hontee aseɛ? Hoapirim ho akoma? 18 Howɔ ani, nso honnhu adeɛ? Howɔ aso, nso honte asɛm? Na honkae? 19 Berɛ a mebubuu paanoo num maa nnipa mpem num he, paanoo mproprowa nkɛntɛmma meɛhe ne hosesaeɛ?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɛntemma dummienu.” 20 Na paanoo nson a mede maa nnipa mpem nnan he, mproprowa nkɛntɛmma meɛhe ne hosesaeɛ?” Na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nkɛntɛmma nson.” 21 Afei obisaa bɛ sɛ, “Nti honnya ntee aseɛ?” Yesu Saa Nifirani Beema bi Yadeɛ Betsaida 22 Na afie bɛbaa Betsaida. Na nnipa binom de nifirani braa no, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nka no. 23 Ɔsɔɔ nifirani he nsa, na odii n’anim de no firii akuraa he ase; na ɔde ntasuo kaa n’ani, na ɔde ne nsa guu ne so bisaa no sɛ, “Wohu bibi anaa?” 24 Na beema he hwɛɛ soro kaa sɛ, “Mehu nnipa a bɛnenam hɔ, nso mehu bɛ sɛ nnua.” 25 Afei Yesu de ne nsa guu n’ani he so bio; na ɔhwɛɛ adeɛ gyee, na ohuu adeɛ yie, na ne ho tɔɔ no. 26 Na Yesu gyaa beema he kwane maa ɔkɔɔ ne fie. Na ɔɔkɔ he Yesu ka kyerɛɛ sɛ, “Nkɔ akuraa he ase seesei.” Nea Petro pae mu ka faa Yesu ho 27 Yesu ne n’asuafoɔ he toaa so kɔɔ Kaesarea Filipi nkuraa he ase; na bɛɛkɔ he, obisaa n’asuafoɔ he sɛ, “Nkurofoɔ dɛ meyɛ hwane?” 28 Na bebuaa no sɛ, binom dɛ woyɛ “Yohane Suboni, binom nso dɛ woyɛ Elia, na binom nso ka sɛ, woyɛ adiyifoɔ he mu baako.” 29 Obisaa bɛ sɛ, “Na ho nso hoka sɛ meyɛ hwane?” Petro yii ano sɛ, “Woyɛ Kristo he.” 30 Na ɔhyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka ne ho asɛm nkyerɛ biaa. Yesu hyɛɛ ne wuo ne ne wusɔreeɛ ho nkɔm 31 Afei Yesu hyɛɛ aseɛ kyerɛkyerɛɛ bɛ sɛ, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he fa amanehunu pii mu, na mpanyimfoɔ, asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atwerɛfoɔ he po no na beku no, na nnansa akyi he wasɔre bio. 32 Ɔkaa yeinom nyinaa maa mu daa hɔ pefee. Na Petro de no kɔɔ nkyɛne, na ɔhyɛɛ aseɛ kaa n’anim. 33 Na ɔdanee n’ani hwɛɛ n’asuafoɔ he, na ɔkaa Petro anim sɛ, “Firi me so, Satan! Efiri wonnwene Nyankopɔn adwene, na mmom nipa deɛ.” 34 Ɔfrɛɛ nnipadɔm he ne n’asuafoɔ he, na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ bi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmfa n’asennua, na onni m’akyi. 35 Na bɛ a bɛpɛ sɛ bɛbɔ bɛ nkwa ho bane he, bɛbɛhwere bɛ nkwa he, na bɛ a bɛbɛhwere bɛ nkwa me ne asɛmpa he nti he, bebenya nkwa. 36 Na sɛ benya wiase nyinaa na ɔhwere ne nkwa a, mmɛ mfasoɔ ne obenya? 37 Na mmɛ koraa ne bebetumi de ne nkwa so ka? 38 Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne me nsɛm ho ya nnɛ mma, awaresɛefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ mu he, ɔno nso ho bɛyɛ Nipa Ba he animuwo berɛ a ɔbɛba n’Agya animuonyam mu a abɔfoɔ kronkron he ka ne ho he.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana