Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Marko 7 - Apam Foforɔ


Mpanyimfoɔ he Atetesɛm
( Mateo 15:1-20 )

1 Na afei Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ bi a na befiri Yerusalem aba he twaa ne ho hyiaeɛ,

2 behuu sɛ n’asuafoɔ he bi de nsa a ho agu fi oodi paanoo, ɔne sɛ bɛanhohoro bɛ nsa ho.

3 (Nea na Farisifoɔ he ne Yudafoɔ he nyinaa yɔ ne sɛ bɛanhohoro bɛ nsa ho yie a, bennidi, ɔno ne mpanyimfoɔ atetesɛm so die;

4 na sɛ befiri dwam ba na bɛnnhohoro bɛ ho a, bennidi; na atetesɛm ahodoɔ pii nso ya hɔ a na bedi so, nkuruwaa, nhina ne kɔɔbere mfrafraɛsɛne, ne apono hohoro.)

5 Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he bisaa no sɛ, “Mmɛ nti ne w’asuafoɔ nni mpanyimfoɔ atetesɛm he so yi, na bɛde nsa a ho agu fi ne didi yi?”

6 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Odi sɛ Yesaia hyɛɛ ho nyaatwomfoɔ ho nkɔm sɛ, ‘Nnipa yi de bɛ ano ne di me ni nso bɛ akoma deɛ ya akyirikyiri

7 bɛsom me kwa, bɛkyerɛkyerɛ nipa ahyɛdeɛ sɛ nkyerɛkyerɛ pa.’

8 Hopo Nyankopɔn mmara na hokura nnipa atetesɛm.”

9 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honam nyansakwane so po Nyankopɔn mmara sɛdeɛ ɔbɛyɛ a hobetumi adi ho atetesɛm so!

10 Na Mose kaa sɛ, ‘Di wo agya ne wo na ni,’ na ‘biaa a ɔbɛka asɛm bɔne afa n’agya anaa ne na ho he, ɔsɛ sɛ owu.’

11 Nso hoka sɛ, sɛ bi ka kyerɛ n’agya anaa ne na sɛ, ‘Mfasoɔ a nka wobenya afiri me so nyinaa yɛ Korban’ (ɔne sɛ afɔreɛ ma Nyankopɔn) a,

12 hedeɛ na onni ho kwane sɛ ɔyɔ bibiaa ma n’agya anaa ne na.

13 Yei nti honam ho atetesɛm a hode agya nkyiremma so ato Nyankopɔn asɛm atwene. Na hoyɔ nnoɔma a ɔte sei bebree.”

14 Afei ɔfrɛɛ nnipadɔm he bio ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho nyinaa hontie me na honte aseɛ:

15 Adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi; ɔyɛ deɛ ofiri nipa mu ba mmom ne tumi gu ne ho fi.”

16 [Ma deɛ ɔwɔ aso he ntie.]

17 Berɛ a ogyaa nnipakuo he hɔ kɔ fie he, n’asuafoɔ he bisaa no asɛm a ɔkaeɛ he mu nkyeremu.

18 Na obisaa bɛ sɛ, “Ho nso honte aseɛ? Nti honnim sɛ adeɛ biaa nni hɔ a ɔkɔ nipa mu a otumi gu ne ho fi?

19 Nea nti a ɔte saa ne sɛ ɔnkɔ akoma he mu, na mmom yafunu mu, na apie akɔ yaanee mu.” (Na ɔkaa yei de tee aduane nyinaa ho.)

20 Na ɔkaa sɛ, “Nea ofiri nipa bi mu pie ne gu ne ho fi.

21 Na nipa mu, nipa akomam ne adwemmɔne firi ba: adwamammɔ, korɔno, awudie,

22 awaresɛeɛ, aniberebereɛ, amumuyɔ, nnaadaa, honam akɔnnɔ, ahoɔyea, abususɛnka, ahomasoɔ, nkwaseasɛm.

23 Saa nnoɔma bɔne yi nyinaa firi nipa mu, na yeinom gu ne ho fi.”


Siro-Foinikeni Baa he Gyidie
( Mateo 15:21-28 )

24 Yesu firii hɔ he, osiim kɔɔ Tiro. Ɔkɔɔ fie bi mu, na wampɛ sɛ biaa behu sɛ ɔya hɔ. Nso wantumi amfa ne ho ansie.

25 Na ankyɛre biaa ne baa bi a honhom fi te ne ba baa mu tee ne nka, na ɔba bɛkotoo ne nane ase.

26 Na baa he yɛ Helani a ofiri Siro-Foinike. Ɔsrɛɛ Yesu sɛ ontu honhom fi he mfiri ne ba baa he mu.

27 Nso ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Ma mma nnidi nwie, na ɔnyɛ sɛ woto mma aduane ma nkramane.”

28 Nso baa he maa no muaeɛ sɛ, “Owura, mpo nkramane a bɛda pono he ase he di mma he aduane ase mproprowa.”

29 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Dea waka he nti kɔ—honhom fi he afiri wo ba baa he mu.”

30 Nti ɔkɔɔ fie, na ohuu sɛ ne ba baa he da kɛtɛ so a honhom fi he afiri ne mu ampa.


Yesu Saa Beema bi a N’aso asi Yadeɛ

31 Afei Yesu firii Tiro kuro mu baeɛ, na ɔfaa Sidon kɔ Galilea po ho Dekapoli mpɔtamu hɔ.

32 Na bɛde beema bi a n’aso asi a ɔwɔ haw ne kasaa mu braa no, na bɛsrɛɛ no sɛ ɔmfa ne nsa nto ne so.

33 Ɔde no firii dɔm he nkyɛne kɔɔ kokoam baabi, na ɔde ne nsateaa hyehyɛɛ n’asum, afei ɔtoo ntasuo guu ne nsateaa so, na ɔde kaa beema kɛtrɛma.

34 Na ɔhwɛɛ soro, guu ahome na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Effata!” Asekyerɛ ne sɛ, “Ma no mmie.”

35 Na amonom hɔaa n’aso bieeɛ, na ne kɛtrɛma mu nso goeɛ, na ɔkasaa kama.

36 Na Yesu hyɛɛ bɛ ketee sɛ bɛnnka nkyerɛ biaa, na mprɛ dodoɔ a ɔhyɛɛ bɛ sɛ bɛnnka he, saa mprɛ dodoɔ heaa ne bɛde anigyeɛ bɔɔ asɛm he dawuro.

37 Ɔyɛɛ bɛ nwanwa boro so na bɛkaa sɛ, “Waayɔ nnoɔma nyinaa yie, ɔma deɛ n’aso asi mpo te asɛm na mum nso kasa.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ