Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Marko 4 - Apam Foforɔ


Mfantoho a ɔfa abaguo ho
( Mateo 13:1-23 ; Luka 8:4-15 )

1 Na afei nso, Yesu hyɛɛ aseɛ maa nkyerɛkyerɛ po he ho. Nnipadɔm betwaa ne ho hyiaeɛ ma ɔkɔforoo kodoɔ bi po he so na ɔtenaa mu, berɛ a na nnipadɔm he tete po he ano.

2 Ɔhyɛɛ aseɛ de mfantoho kyerɛkyerɛɛ bɛ nnoɔma pii, ne nkyerɛkyerɛ he mu he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ,

3 “Hontie! Gufoɔ bi koguu aba.

4 Na oogu he, aba he bi koguu kwane nkyɛne, na nnomaa bediiɛ.

5 Aba he bi nso koguu abotane so, baabi a nɛteɛ nni papa, esiane sɛ nɛteɛ he mu nnɔ nti ofifirii ntɛm.

6 Na awia bɔeɛ he, ɔhyee no; na ɔnam sɛ onni nhini nti otwintwameeɛ.

7 Na aba he bi koguu nkasɛem, na nkasɛe he nyiniiɛ he, omiaa no, na anso aba biaa.

8 Afei, aba he bi nso koguu asaase pa mu, na ɔsoo aba, onyiniiɛ, yɛɛ akɛseɛ, na ofirii aseɛ sõõ aba mmɔho aduasa, aduosia ne mmɔho ha.”

9 Na ɔkaa sɛ, “Ma nea ɔwɔ aso betie biaa ntie.”


Mfantoho he Nkyerɛaseɛ

10 Berɛ a Yesu nkoaa ya hɔ he, bɛ a na bɛya ne nkyɛne he ne n’asuafoɔ dummienu he bisaa no mfantoho he ho asɛm.

11 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ho deɛ, bɛde Nyankopɔn ahennie he ho ahintasɛm ama ho, na bɛ a bɛya wiase he deɛ, bɛde bibiaa ama bɛ mfantoho mu;

12 sɛnea ɔbɛyɛ a, ‘bɛbɛhwɛ paa deɛ nso benhu, na bɛatie paa nso bɛnte aseɛ; na bɛansakra annya bɔne fakyɛ.’ ”

13 Na obisaa bɛ sɛ, “Honnte mfantoho yi ase? Na ɔbɛyɛ na ho ate mfantoho a aka he nyinaa ase.

14 Gufoɔ he guu asɛm he.

15 Na aba a oguu kwane nkyɛne he gyina hɔ ma nnipa a bɛte asɛm he a, ɔnkyerɛ na Satan abeyi asɛm a bɛagu ne bɛ mu he kɔ.

16 Na yeinom ne nea beguu ne abotane mu he: bɛne nnipa a sɛ bɛte asɛm he a, bɛde anigye gye no ntɛm so.

17 Nso ɔnam sɛ benni nhini nti, begyina kakra bi, na sɛ haw anaa taa ba bɛ so ɔnam asɛm he nti a, bɛhwe ase ntɛm so.

18 Na aba a oguu nkasɛe mu he gyina hɔ ma nnipa a sɛ bɛte asɛm he a,

19 wiase mu dadwene ne ahonya ho nnadaa ne nnoɔma a aka ho akɔnnɔ ba bemia asɛm he, na ɔmma no nso aba biaa.

20 Na nea beguu no asaase pa mu he gyina hɔ ma nnipa a bɛte asɛm he a bɛgye na bɛsõ aba mmɔho aduasa ne aduosia ne mmɔho ha.”


Kanea a ɔhyɛ Atam Ase

21 Hohwɛeɛ yi, bɛde kanea ba sɛ bɛ ɔɔbɛhyɛ atam anaa mpa ase, a ɔnyɛ kanea dua so ne bɛde oobisi?

22 Na bibiaa nni hɔ a ahinta a bemmie so, anaa bibiaa nni hɔ a ahinta a ɔmma hann mu.

23 Ma deɛ ɔwɔ aso a bɛde tie he ntie!”

24 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honhwɛ nea hote yie, sɛnea wobesusu de ama he, saa ne wobenya, na mpo bɛde bi bɛka ho ama wo.

25 Na nea ɔde bi ma he bɛbɛma no bebree aka ho, na nea ɔmma hwee he, deɛ ɔwɔ he mpo bɛbɛgye afiri ne nsam.”


Aba ɔnoaa fifiri ho Mfantoho

26 Ɔkaa bio sɛ, “Soro ahennie te sɛ bi a wakogu aba asaase so,

27 na ɔkɔda anadwo sɔre anɔpa, na aba he fifiri na onyini a onnim kwane a ɔfa so yɔ saa.

28 Asaase heaa ma onyini, nea odi kane ne dua he, na afei tire he, ansa na aburoo he ankasa.

29 Nso aburoo he nyini wie a, ntɛmaa ɔde ne twa-sekane kɔ mu efiri sɛ twaberɛ aduru.”


Sinapi aba ho Mfantoho

30 Ɔkaa bio sɛ, “Mmɛ ne yebetumi de atoto Nyankopɔn ahennie he ho, anaa mmɛ mfantoho ne yɛbɛyɔ afa ahennie he ho?

31 Ɔte sɛ sinapi aba a sɛ bedua ne asaase mu a, ɔno ne aba a osua paa asaase so aba nyinaa mu;

32 nso sɛ bedua a, onyini bɛyɛ nnua mu dua kɛseɛ paa, na ɔnya mmane akɛseɛ bebree, na wiem nnomaa atumi ayɛ prebuo ne nwunum.”


Mfantoho he ho asekyerɛ

33 Ɔde mfantoho bebree maa bɛ nkyerɛkyerɛ, sɛnea na bebetumi ate aseɛ.

34 Wankasa ankyerɛ bɛ a na mfantoho nka ho; na ɔka ɔne n’asuafoɔ he nkoaa a, ɔkyerɛkyerɛ bibiaa mu kyerɛ bɛ.


Yesu aaa po mframa yɛɛ dinn
( Mateo 8:18 ; 8:23-27 ; Luka 8:22-25 )

35 Saa da he, berɛ a na nnwunu adwo he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Homma yentware nkɔ fa nohoaa.”

36 Nti begyaa nnipadɔm he kwane wieeɛ he, bɛde Yesu tenaa kodoɔ he mu kɔeɛ; na akodoɔ foforɔ nso ka ho. Na akodoɔ binom ka ne ho.

37 Nsuframa kɛseɛ bi bɔeɛ; na mframa he bɔ baa kodoɔ he mu maa nsuo begyinaa kodoɔ he mu.

38 Nso na Yesu ada summiiɛ so ya kodoɔ he mu; na benyanee no bisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yɛɛyera yi, ɔmfa wo ho?”

39 Onyaneeɛ, na ɔkaa mframa he anim ka kyerɛɛ po he sɛ, “Gyae, yɛ dinn!” Na mframa he ano brɛɛ ase, na ɔyɛɛ dinn.

40 Obisaa bɛ sɛ, “Ɛɛne nti ne hosuro? Nti obesi nnɛ yi honni gyidie?”

41 Na bɛ ho dwirii bɛ kɛse na bɛkeka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, “Abɛ nipa koraa di a mframa ne po mpo tie no yi?”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ