Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Marko 16 - Apam Foforɔ


Yesu wusɔreɛ
( Mateo 28:1-8 ; Luka 24:1-12 ; Yohane 20:1-10 )

1 Na homeda twaam he, Maria Magdalene ne Yakubu maame Maria ne Salome kɔtɔɔ aduhwam sɛ bɛde ɔɔkɔsra Yesu.

2 Na nnawɔtwe da a odi kane anɔpatutuutu he, berɛ na awia oopieɛ he, bɛkɔɔ nna he so.

3 Na bebisabisaa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Hwane ne bemini boɔ he afiri nna he so ama yɛ?”

4 Bɛhwɛeɛ he, behuu sɛ boɔ kɛseɛ a ɔda adamena he ano he amini afiri hɔ.

5 Beewura nna he mu he, behuu abeemaa bi a ɔhyɛ ataadeɛ tentene fitaa te nifa so hɔ, na bɛ akoma tuiɛ.

6 Nso ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hommma ho akoma ntu, hoohwehwɛ Nasareni Yesu nea bɛbɔɔ no asennua mu he. Wanyane, na onni ha. Hwɛ, baabi a bɛde no toeɛ.

7 Na honkɔ, nkɔka nkyerɛ n’asuafoɔ ne Petro sɛ oodi ho anim kane Galilea, hɔ ne ho behu no, sɛdeɛ ɔka kyerɛɛ ho he.”

8 Bepieeɛ, na bedwane firii adamena he mu efiri sɛ na hu ne suro ahyɛ bɛ so, na bɛanka hwee ankyerɛ biaa, efiri sɛ na besuro. [Na deɛ na wahyɛ bɛ nyinaa bɛka kyerɛɛ bɛ a bɛ ne Petro ya hɔ he. Na akyire yi Yesu ankasa de somaa bɛ, firi apieeɛ kosii atɔeɛ sɛ bɛmpae mu nka daa nkwa nsɛm a ɔyɛ kronkron na ɔnsɛe da he.]


Marko Asɛmpa awieeɛ a odikane MARKO ASƐMPA AWIE A ƆTƆ SO MMIENU Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ Maria Magdalene

9 [Na afei berɛ a Yesu sɔre firii awufoɔ mu nnawɔtwe da a odi kane he, anɔpa tututuutu he, odii kane yii ne ho kyerɛɛ Maria Magdalene, nea otuu ahonhommɔne nson firi ne mu he.

10 Nti ɔkɔ kɔka kyerɛɛ bɛ a na bɛ ne no ya hɔ he, berɛ a na beesu di awerɛhoɔ he.

11 Nso bɛtee sɛ ɔte ase na waahu no he, bɛannye anni.


Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asuafoɔ mmienu bi

12 Yei akyi he, Yesu yii ne ho adi tebea foforɔ mu kyerɛɛ bemu mmienu, berɛ a na bɛnam ɔɔkɔ kuro he mu.

13 Na bɛsane kɔɔ kuro he mu kɔka kyerɛɛ nkaeɛ he, nso bɛangye anni.


Yesu maa Asuafoɔ he Ahyɛdeɛ
( Luka 24:36-49 ; Yohane 20:19-23 )

14 Akyire yi oyii ne ho kyerɛɛ dubaako he berɛ a na bɛte adidi pono ho, na ɔkaa bɛ anim ɔnam gye a bɛannye anni ne bakoma dene nti, efiri sɛ bɛannye bɛ a bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ waasɔre he anni.

15 Na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ wiase nkɔbɔ asɛmpa he dawuro nkyerɛ abɔdeɛ nyinaa.

16 Nea ɔbɛgye adi na hobɛbɔ no asu he benya nkwa, na nea wannye anni he bebebu no fɔ.

17 Na nsɛnkyerɛnne yeinom bedi bɛ a bɛbɛgye adi he akyi, bɛde me dini betutu ahonhommɔne, bɛbɛka kasa foforɔ.

18 Bɛde bɛ nsa bɛfa awɔ, na sɛ bɛnom awuduro mpo a, ɔnyɔ bɛ hwee, bɛde bɛ nsa begu ayarefoɔ so, na bebenya ayaresa.”


Yesu Soro kɔ
( Luka 24:50-53 ; Asomafoɔ 1:4-11 )

19 Na afei Awurade Yesu ne bɛ kasa wieeɛ he, Nyankopɔn maa no so kɔɔ soro kɔtenaa ne nsa nifa so.

20 Na bɛkɔɔ abɔntene kɔbɔɔ asɛm he dawuro baabiaa, na Awurade de bɛ yɔɔ adwuma na ɔde nsɛnkyerɛnne a odi akyire hyɛɛ asɛm he dene.]

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ