Marko 11 - Apam FoforɔYesu Wuraa Yerusalem Nkunimdie so ( Mateo 21:1-9 ; Luka 19:29-38 ; Yohane 12:12-16 ) 1 Berɛ a bɛɛbɛne Yerusalem he, na beduruu Betfage ne Betania he, baabi a hɔ bɛne Ngo Bepɔ he, ɔsomaa n’asuafoɔ he mu mmienu 2 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ akuraa a ɔya ho anim he mu, na howura kuro he mu pɛ, hobehu sɛ bɛamantam afunumu ba bi a biaa ntenaa ne so da ya hɔ, honsane no, na homfa no mmra. 3 Sɛ bi bisa ho sɛ, ‘Ɛɛne nti ne hooyɔ yei a,’ honka sɛ, ‘Awurade hia no, hoka saa a ɔntwentwɛne ne nane ase koraa na wama hode no aba ha.’ ” 4 Befiri hɔ kɔeɛ, na bekohuu afunumu ba a bɛde no abɔ pono bi nkyɛne ya abɔntene, kwane he mu. Na beesane no he, 5 bɛ a begyina hɔ he bi bisaa bɛ sɛ, “ ‘Ɛɛne ne nti ne hoosane afunumu ba yi?” 6 Bɛkaa nea Yesu dɛ bɛnka he, na bɛmaa bɛ kwane ma bɛfaa no kɔeɛ. 7 Afei bɛde afunumu he braa Yesu, na bɛtoo bɛ ntaadeɛ guu afunumu he so, na Yesu tenaa ne so. 8 Nnipa bebree de bɛ ntaadeɛ sesɛɛ kwane he so, na binom nso twitwaa nwura de sesɛɛ kwane he mu. 9 Na afei bɛ a bedi kane ne bɛ a bedi akyire he teateaam sɛ, “Hosiana! Nhyira ne nea ɔɔba Awurade dini mu! 10 Nhyira ne yɛ nana Dawid ahennie a ɔɔba he! Nhyira nka sorosoro Nyankopɔn.” Yesu domee borɔdoma dua he ( Mateo 21:12-22 ; Luka 19:45-48 ) 11 Na owuraa Yerusalem, na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ; na ɔhwɛɛ nnoɔma a ɔya hɔ he nyinaa hyiaeɛ he, na adeɛ asa nti ɔne dummienu he kɔɔ Betania. 12 Adeɛ kyeeɛ a befirii Betania ɔɔba he, na kɔm de Yesu. 13 Yesu too n’ani, na ohuu brɔdoma dua bi a ahahane ya so sɛ ɔya akyirikyiri; na ɔkɔ kɔhwɛɛ sɛ ebia aduaba bi ya so a. Oduruu ho he, wanhu hwee, gye ahahane nkoaa, efiri sɛ na berɛ a borɔdoma so nya nnuruiɛ. 14 Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Wonnso aba bio na bi anya bi adi.” Na n’asuafoɔ he teeɛ. Yesu dwiraa asɔredane he mu 15 Afei bɛbaa Yerusalem. Na ɔkɔɔ asɔrefie hɔ na ɔhyɛɛ aseɛ pamoo bɛ a bɛɛtɔno ne bɛ a bɛɛtɔ nnoɔma asɔrefie hɔ, na ɔdanee sika sesafoɔ apono, ɔne bɛ a bɛtɔno mmorɔnoma he nkonnwa butubutuiɛ. 16 Na wamma biaa kwane amma wansoa adeɛ antwam asɔrefie hɔ. 17 Ná ɔkyerɛkyerɛɛ sɛ, “Bɛntwerɛɛ sɛ, ‘Bɛbɛfrɛ me fie mpaebɔ fie ama amane nyinaa’? Nso hode ayɛ akorɔmfoɔ bɔno.” 18 Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene. 19 Na nnwunu dwoeɛ he, Yesu ne n’asuafoɔ he firii kuro he mu. Borɔdoma dua he ho adesua 20 Adeɛ kyeeɛ a na Yesu ne n’asuafoɔ ootwam he, behuu borɔdoma dua he sɛ atwintwam firi ne soro kosi ne ne nhini so. 21 Na Petro kaeɛ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Rabi, hwɛ! Borɔdoma dua he a wodomee no he atwintwam.” 22 Yesu buaa bɛ sɛ, “Honnya gyidie Nyankopɔn mu. 23 Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, sɛ hoka kyerɛ bepɔ yi sɛ, ‘Tutu kɔ soro na kɔhwe po mu,’ na sɛ hoannye akyinnye ho akoma mu, na mmom hogye di sɛ nea hoaka he bɛyɔ hɔ a, ɔbɛyɔ hɔ ama ho. 24 Nti meeka akyerɛ ho, nea hobebisa no mpaebɔ mu biaa, honnye nni sɛ hoanya na ɔbɛyɛ ho deɛ.” 25 “Berɛ biaa a hobɛsɔre sɛ hoobɔ mpaeɛ he, homfa bɛ a howɔ bibi tia bɛ bɔne nkyɛ bɛ, na ho soro Agya nso de ho mfomsoɔ akyɛ ho.” 26 [Na sɛ hoamfa ankyɛ a, ho Agya a ɔya soro nso mfa ho mfomsoɔ nkyɛ ho.] Bebisaa Yesu Tumi a ɔde yɔ Nsɛnkyerɛnne ho Asɛm 27 Na afei Yesu baa Yerusalem bio. Na ɔnenam asɔrefie hɔ he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ, atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he baa ne nkyɛne 28 na bebisaa no sɛ, “Tumi a wode yɔ yeinom firi he? Hwane ne maa wo saa tumi yi sɛ fa yɔ saa?” 29 Yesu buaa bɛ sɛ, “Mebisa ho asɛm baako; honnyi me ano, na mɛkyerɛ ho tumi korɔ a mede yɔ yei. 30 Yohane asubɔ he, na ofiri soro anaa ofiri nipa? Honnyi ano.” 31 Bɛgyee bɛ ho bɛ ho akyinnye sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro a,’ ɔbɛka sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’ 32 Na yɛnam he ne kɔka sɛ, ‘Ofiri nipa’?” Na besuro nnipadɔm he efiri sɛ na bɛ nyinaa bebu Yohane sɛ ɔyɛ nɔkorɛ diyifoɔ. 33 Nti bebuaa Yesu sɛ, “Yennim.” Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa deɛ a me nso menka tumi korɔ a mede ɔɔyɔ yeinom nkyerɛ ho.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana