Luka 7 - Apam FoforɔAkoa bi ayaresa ( Mateo 8:5-13 ) 1 Berɛ a Yesu kaa ne nsɛm he nyinaa kyerɛɛ nkurofoɔ he wieeɛ he, ɔkɔɔ Kapernaum. 2 Na sraani panyini bi akoa a ɔsombo ma no paa yare a oowu. 3 Berɛ a ɔtee Yesu nka he, ɔsomaa Yudafoɔ mpanyimfoɔ sɛ bɛnkɔsrɛ no na ɔmmɛsa n’akoa he yadeɛ. 4 Bɛbaa Yesu nkyɛne he, bɛsrɛɛ no anibrɛ so sɛ, “Ɔfata sɛ woyɛ yei ma sraani panyini he, 5 efiri sɛ ɔdɔ yɛ mane yi, na ɔno ankasa ne sii hyiadane maa yɛ.” 6 Nti Yesu ne bɛ siim kɔeɛ. Nso ɔɔyɛ aduru fie hɔ he, na sraani panyini he asoma ne nnamfoɔ dada sɛ bɛmmɛka nkyerɛ no sɛ, “Owura, nha wo ho, na memfata sɛ wobɛba me fie. 7 Nti mammu me ho sɛ mefata sɛ mɛba wo nkyɛne. Na wo deɛ ka bibi kɛkɛ na m’akoa he ho nyɛ no dene, 8 efiri sɛ me nso mehyɛ bi ase, na mewɔ asraafoɔ nso hyɛ m’ase, na meka kyerɛ bɛ mu bi sɛ, ‘Kɔ ha a!’ Ɔkɔ. Na meka kyerɛ foforɔ nso sɛ ‘Bra a!’ Ɔba. Na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɔ yei a!’ Ɔyɔ.” 9 Berɛ a Yesu tee yei he, ne ho dwirii no, na ɔdanee n’ani kyerɛɛ nnipakuo a bedi n’akyi he kaa sɛ. “Meeka akyerɛ ho sɛ, menhuu gyidie a ɔsõ sei Israel mu mpo.” 10 Na bɛ a bɛasoma bɛ he sane bɛ akyi kɔɔ fie he, bekohuu akoa he sɛ ne ho ayɛ no dene. Nain kunafoɔ he ba he 11 Ankyɛre biaa ne Yesu tuu kwane kɔɔ kuro bi a bɛfrɛ no Nain mu, na n’asuafoɔ he ne nnipadɔm pii ka ne ho. 12 Berɛ a ɔbɛnee kuro he pono ano he, hwɛ, na bɛsõ beema bi a ne maame di no bakorɔ a wawu de no oofiri adi. Na baa he yɛ kunafoɔ nso. Na nnipadɔm pii a befiri kuro he mu nso ka ne ho. 13 Berɛ a Awurade ani bɔɔ baa he so he, ɔyɛɛ no mmɔbɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Gyae su.” 14 Afei ɔbɛnee funnaka he de ne nsa kɔsɔɔ mu, na bɛ a bekitakita mu he gyinaeɛ, na ɔkaa sɛ, “Abeemaa, meeka akyerɛ wo sɛ, sɔre!” 15 Na abeemaa a wawu he sɔre tenaa ase, na ofirii aseɛ kasaeɛ, na ɔde no maa ne maame. 16 Afei hu kaa bɛ nyinaa, na befirii aseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam sɛ, “Bɛama diyifoɔ kɛseɛ bi so ya yɛ mu,” na “Nyankopɔn ama n’ani aba ne nkurofoɔ so!” 17 Na Yesu ho asɛm yi trɛ kɔɔ Yudea nyinaa ne nkuro a atwa ho ahyia nyinaa mu. Suboni Yohane ahoyera ( Mateo 11:2-19 ) 18 Afei Yohane asuafoɔ he kɔkaa yeinom nyinaa kyerɛɛ no. 19 Nti Yohane frɛɛ n’asuafoɔ he mu mmienu somaa bɛ Awurade nkyɛne sɛ benkobisa no sɛ, “Nti wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?” 20 Berɛ a mmeema he koduruu Yesu nkyɛne he bɛkaa sɛ, “Suboni Yohane asoma yɛ sɛ yemmebisa wo sɛ, ‘Wone nea ɔɔba he anaa yɛnhwɛ foforɔ kwane?’ ” 21 Dɔno heaa mu, Yesu saa nnipa bebree a bɛnte apɔ, ne bɛ a bɛ yadeɛ mu ɔdene ne bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne nyinaa yadeɛ, na ɔmaa anifirafoɔ bebree huu adeɛ. 22 Nti obuaa bɛ sɛ, “Honkɔ nkɔka nea hoahu na hoate yi nkyerɛ Yohane sɛ, anifirafoɔ hu adeɛ, mmubuafoɔ nante, akwatafoɔ ho firi, asotifoɔ te asɛm, awufoɔ nyane, na bɛka asɛmpa kyerɛ ahiafoɔ. 23 Na nhyira ne biaa a menyɛ sintidua mma no.” Yesu dii Yohane ho adanseɛ 24 Berɛ a bɛ a Yohane somaa bɛ he kɔeɛ he, ofirii aseɛ kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipakuo he sɛ. “Mmɛ ne hokɔɔ serɛ so kɔhwɛeɛ? Demmire a mframa ɔɔwoso no anaa? 25 Sɛ ɔnte saa a, mmɛ ne hofirii adi kɔhwɛeɛ? Beema a ɔhyɛ ntaade-pa? Hwɛ, bɛ a bɛhyɛ ntaade-pa ne bedi dɛ he bɛya ahemfie. 26 Nti mmɛ koraa ne hofirii adi kɔhwɛeɛ? Diyifoɔ? Meeka akyerɛ ho sɛ ɔte saa, na ɔsene diyifoɔ koraa. 27 Yei ne nea bɛatwerɛ ne ho asɛm sɛ, ‘Hwɛ, meesoma me bɔfoɔ adi w’anim, a obesiesie wo kwane adi w’anim.’ 28 Meeka akyerɛ ho sɛ, bɛ a mmaa awo bɛ mu biaa nni hɔ a ɔyɛ kɛseɛ kyɛne Yohane; nso nea osua koraa Nyankopɔn ahennie mu he yɛ kɛseɛ kyɛne no.” 29 (Berɛ a nkurofoɔ he nyinaa ne togyefoɔ he tee yei he, bɛgye tomm sɛ Nyankopɔn tene, efiri sɛ na Yohane abɔ bɛ asu. 30 Nso Farisifoɔ ne bɛ a benim Mmara he ampene amma bɛammɔ bɛ asu. Na bɛyɔɔ saa de poo Nyankopɔn botae a ɔde ama bɛ he.) 31 “Nti, mmɛ ho ne mede nnemafoɔ bɛtoto, na bɛte sɛ hefoɔ? 32 Bɛte sɛ mmɔfra a bɛtete dwa so ɔɔteateam frɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Yɛhyɛne abɛne maa ho, nso hoansa; yɛbɔɔ bena, nso hoansu.’ 33 Saa nso ne Yohane Suboni baeɛ he, wannidi na wannom nsa, nso hoka sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34 Nipa Ba he aba, odidi na ɔnom, nso hoka sɛ, ‘Hwɛ! Beema didifoɔ ne nsanomfoɔ, togyefoɔ ne nnebɔnyɛfoɔ adamfo di!’ 35 Nso, bɛ a bɛde Nyankopɔn nyansa di dwuma he da no adi sɛ ne nyansa he yɛ papa.” Baa debɔneyɛni 36 Afei Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmedidi. Nti ɔkɔɔ Farisini he fie kɔtenaa didipono ho. 37 Na hwɛ, baa bi a benim no kuro he mu sɛ debɔneyɛni tee sɛ ɔte adidiiɛ Farisini he fie he ɔde kɔntoa a ngo hwamhwam gu mu baeɛ, 38 na obegyinaa n’akyi kotoo ne nane ase suiɛ, na ofirii aseɛ de ne nisuo foaa ne nane ho, na ɔde ne ti nwi popaeɛ. Afei, ofee ne nane ho de ngo hwamhwam he srasraa ho. 39 Na Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no he huiɛ he, ɔkaa no ne tim sɛ, “Sɛ beema yi yɛ diyifoɔ a, nka obehu onii ne baa ko a ɔde ne nsa ɔɔka no he sɛ ɔyɛ debɔneyɛni.” 40 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Simon, mewɔ asɛm bi ka kyerɛ wo.” Simon kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, kasa!” 41 Na Yesu kaa sɛ, “Na mmeema mmienu de defɛmfoɔ bi ka; baako de no ka bɛyɛ paani abosome dunson akatua, na baako nso ka bɛyɛ paani bosome baako ne fa akatua. 42 Berɛ a benni hwee a bɛde betua he, ogyae ka he mu de kyɛɛ bɛ mmienu. Nti, bɛ mu deɛ ɔya he ne bɛdɔ nea ɔde bɛ ka kyɛɛ bɛ he kɛse?” 43 Simon buaa no sɛ, “Mesusu sɛ nea ɔde ka pii kyɛɛ no he a.” Ɔka kyerɛɛ no sɛ. “Woabua no yie.” 44 Nti ɔhwɛɛ baa he ka kyerɛɛ Simon sɛ, “Woahu baa yi? Mebaa wo fie; woamma me nsuo anhohoro me nane ho. Nso baa yi de ne nisuo afoa me nane ho na ɔde ne ti nwii apopa. 45 Woamfe m’ano; nso baa yi deɛ, efiri dɔno a mebaeɛ mu he, onnyae me nane ho fe. 46 Woamfa ngo ansra me ti mu; nso baa yi de ngo hwamhwam asrasra me nane ho. 47 Yei nti, meeka akyerɛ wo sɛ, ewom sɛ ne bɔne dɔɔso deɛ, nso bɛde akyɛ no, efiri sɛ ɔdɔɔ pii; nso nea bɛde kakraa bi akyɛ no he dɔ kakraa bi.” 48 Afei ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Bɛde wo bɔne akyɛ wo.” 49 Nti bɛ a bɛ ne no te adidiiɛ he firii aseɛ kekaa no bɛ mu sɛ. “Hwane di a ɔde bɔne mpo kyɛ yi?” 50 Na ɔka kyerɛɛ baa he sɛ, “Wo gyidie agye wo; fa asomdwie kɔ.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana