Luka 24 - Apam FoforɔYesu sɔre firii awufoɔ mu ( Mateo 28:1-8 ; Marko 16:1-8 ; Yohane 20:1-13 ) 1 Na nnawɔtwe he da a odi kane he, bɛyɔɔ ntɛm de aduhwam a bɛasiesie he kɔɔ nna he so. 2 Nso behuu sɛ bɛamini boɔ a na ɔda nna he ano he afiri hɔ, 3 na berɛ a bɛkɔɔ mu he, bɛanhu Awurade Yesu amu he. 4 Berɛ a bɛ tirim ayɛ bɛ kesenenee he, hwɛ, mmeema mmienu a bɛhyehyɛ ntaadeɛ nahanaha begyinaa bɛ nkyɛne. 5 Berɛ a hu aka mmaa he na bɛasisi bɛ ti aseɛ he, mmeema he ka kyerɛɛ bɛ sɛ. “Mmɛ nti ne hoohwehwɛ teasefoɔ awufoɔ mu yi? 6 Onni ha, na mmom wasɔre. Honkae nea ɔka kyerɛɛ ho berɛ a na ɔda so ya Galilea he, 7 sɛ otwa sɛ beyi Nipa Ba he hyɛ abɔnefoɔ nsa na bɛbɔ no asennua mu na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he wasɔre.” 8 Nti bɛkae ne nsɛm he, 9 na bɛsane firii da he so de nea asi he nyinaa ho amaneɛ kɔbɔɔ dubaako he ne bɛ a bɛaka he nyinaa. 10 Na ɔyɛ Maria Magdalene, ne Yohana, ne Yakobo maame Maria. Afei nso, mmaa a aka a bɛka bɛ ho he kaa yeinom kyerɛɛ asomafoɔ he. 11 Nso, nsɛm yi yɛɛ bɛ sɛ nsenhunu bi, na bɛannye mmaa he anni. 12 [Na Petro sɔre tutuu mmirika kɔɔ da he so, na ɔbɔɔ ne mu ase he, ohuu nwera a bedekyekyeree Yesu amu he nkoaa. Nti ofirii hɔ kɔɔ fie, na nea asi he maa ne ho dwirii no.] Yesu ne asuafoɔ bino kɔɔ Emaus ( Marko 16:12-13 ) 13 Na hwɛ, da heaa na bɛ mu mmienu ɔɔkɔ Emaus a ɔyɛ akuraa bi a ofiri hɔ kɔ Yerusalem bɛyɛ akwansini nson, 14 na bɛɛbɔ nea asi he nyinaa ho nkɔmmɔ. 15 Berɛ a bɛɛbɔ nkɔmmɔ na beesusu ho he, Yesu ankasa bɛtoo bɛ na ɔne bɛ bɔɔ anane nanteeɛ, 16 nso bɛanhu sɛ ɔyɛ ɔno a. 17 Obisaa bɛ sɛ, “Abɛ asɛm ne honam kwane so oosusu ho yi?” Na begyinaeɛ a na bɛ anim ayɛ bosaa. 18 Bɛ mu baako a ne dini de Kleopa buaa no sɛ, “Nti wo nkoaa ne wote Yerusalem a woyɛ hɔhoɔ a nti wonnim asɛm a asi hɔ nnansa yi?” 19 Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ asɛm ne asi?” Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Nea ɔfa Nasareni Yesu, a ɔyɛ diyifoɔ a ɔwɔ tumi, nnwuma ne kasa mu, Nyankopɔn ne mane he nyinaa anim he ho he, 20 ne sɛnea yɛ asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne atumfoɔ he yii no maeɛ ma bebuu no kumfɔ na bɛbɔɔ no asennua mu he. 21 Na yɛ deɛ, yɛ ani daa so sɛ nka ɔno ne ɔɔbɛgye Israel. Nso yei nyinaa akyi he, nnansa ni a nsɛm yi siiɛ. 22 Bio nso, mmaa bi a befiri yɛ mu maa yɛ ho dwirii yɛ, efiri sɛ bɛyɔɔ ntɛm kɔɔ da he so 23 nso bɛanhu n’amu he, na bɛbɛkaa sɛ abɔfoɔ yii bɛ ho adi kyerɛɛ bɛ ma bɛkaa sɛ ɔte ase. 24 Afei, bɛ a bɛne yɛ ya hɔ he binom kɔɔ da he so; na bekohuu sɛ ɔte saa, sɛnea mmaa he bɛkaeɛ he pɛpɛɛpɛ, nso bɛ deɛ bɛanhu no.” 25 Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “O adwenharefoɔ a hoyɛ nyaa ho akoma mu sɛ hobɛgye deɛ adiyifoɔ he aka nyinaa adi! 26 Nti na ɔnsɛ sɛ Kristo he hu amaneɛ yi nyinaa na ɔkɔ n’Animuonyam mu anaa?” 27 Na ɔde firi Mose ne Adiyifoɔ he nyinaa so kyerɛkyerɛɛ bɛ nsɛm a ɔfa ne ho a ɔya Twerɛsɛm he nyinaa mu. 28 Awieeɛ koraa he, bɛbɛnee akuraa a na bɛɛkɔ aseɛ he, na ɔyɔɔ te sɛ nea ɔɔtoa so akɔ n’anim: 29 Nso bɛhyɛɛ no dendenndene sɛ “Tena yɛ nkyɛne, efiri sɛ nwunu adwo, na adeɛ anya asa.” Nti ɔkɔtenaa bɛ nkyɛne. 30 Na ɔne bɛ te adidiiɛ he ɔfaa paanoo hyiraa so bubuiɛ, na ofirii aseɛ de maa bɛ. 31 Afei bɛ ani biebie koraa ma behuu sɛ ɔyɛ ɔno a; na ɔyera firii bɛ nkyɛne. 32 Na bɛbisabisa bɛ ho bɛ ho sɛ, “Berɛ a ɔne yɛ ɔɔkasa kwane so na ɔɔkyerɛ Twerɛsɛm he mu kyerɛ yɛ he, ampusu yɛ akoma anaa?” Asuafoɔ mmienu he sane kɔ Yerusalem 33 Na dɔno heaa mu he, bɛsɔre sane kɔɔ Yerusalem, na bekohuu dubaako he ne bɛ a bɛka bɛ ho he sɛ bɛahyiam, 34 ɔɔka sɛ “Ampa, Awurade anyane, na waayi ne ho adi akyerɛ Simon!” 35 Afei bɛ ankasa nso bɛkaa nsɛm a osii kwane so ne sɛdeɛ behuu no paanoobubuo mu he kyerɛɛ bɛ. Yesu yi ne ho kyerɛɛ asuafoɔ he ( Marko 16:14-18 ; Yohane 20:19-23 ; 1 Korintofoɔ 15:5 ) 36 Na bɛɛkasa saa he, ɔno ankasa begyinaa bɛ mfimfini ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Asomdwie nka ho.” 37 Nso esiane sɛ na hu aka bɛ, na besuro nti, besusuu sɛ bɛahu samane bi. 38 Nti ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Ɛɛne nti ne ho akoma tutu, na mmɛ nti ne ho adwene yɛ ho naa yi? 39 Honhwɛ me nsa ne me nane, na hoahu sɛ ɔyɛ meaa; homfa ho nsa nso me mu nhwɛ, na samane nni honam ne nnompe sɛnea hohu sɛ mewɔ yi.” 40 Na ɔkaa yei he, ɔde ne nsa ne ne nane kyerɛɛ bɛ. Yesu didii asuafoɔ he anim 41 Nso berɛ a anigyeɛ nti bɛda so nnye nni na asɛm he yɛ bɛ nwanwa he, obisaa bɛ sɛ, “Howɔ aduane bi ya hɔ anaa?” 42 Na bɛmaa no apataa sini bi a bɛatoto; 43 ɔgyeeɛ, na odii no bɛ anim. Yesu kyerɛkyerɛ anyamesɛm ase 44 Afei ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Yei ne me nsɛm a meka kyerɛɛ ho berɛ a na meda so ka ho ho he, sɛ otwa sɛ nea bɛatwerɛ afa me ho ya Mose mmara ne Adiyifoɔ he ne Nnwom he mu nyinaa ba mu.” 45 Afei obiee bɛ adwene mu yie ma bɛtee Twerɛsɛm he ase, 46 na ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Saa kwane yi so ne bɛatwerɛ sɛ Kristo he behu amaneɛ na da a ɔtɔ so mmeɛnsa he wasɔre afiri awufoɔ mu, 47 na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem. 48 Hobɛyɛ nnoɔma yi ho adansefoɔ. 49 Na hwɛ, meesoma nea m’Agya ahyɛ ho bɔ he aba ho so. Ho deɛ, hontena kuro he mu nkosi sɛ bɛbɛma ho ahoɔdene a ofiri soro.” Yesu sorokɔ ( Marko 16:19 ; Asomafoɔ 1:4-14 ) 50 Na ɔde bɛ firii adi dii bɛ anim kɔɔ Betania, na ɔmaa ne nsa so hyiraa bɛ. 51 Na oohyira bɛ he ɔne bɛ ntam teteɛ na bɛmaa no so kɔɔ soro. 52 Na bɛkotoo no sane de anigye kɛseɛ baa Yerusalem. 53 Na bɛtenaa asɔre fie hɔ daa yii Nyankopɔn ayɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana