Luka 20 - Apam FoforɔMane mpanyimfoɔ he animguaseɛ ( Mateo 21:23-27 ; Marko 11:27-33 ) 1 Na ɔbaa sɛ da koro bi a na Yesu ɔɔkyerɛkyerɛ nkurofoɔ asɔrefie hɔ na ɔɔka asɛmpa he, asɔfoɔ mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ ne mpanyimfoɔ he baa ne nkyɛne, 2 na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Ka tumi korɔ a wode yɔ yeinom kyerɛ yɛ, anaa nea ɔde saa tumi yi maa wo he.” 3 Obuaa bɛ sɛ, “Me nso meebisa ho asɛm bi, na honyi me ano. 4 Tumi a Yohane de bɔɔ asu he firi soro anaa ofiri nnipa?” 5 Afei besusuu ho sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri soro’ a ɔbɛka sɛ, ‘Mmɛ nti ne hoannye no anni?’ 6 Nso sɛ yɛka sɛ, ‘Ofiri nnipa’ a, nkurofoɔ he nyinaa besi yɛ aboɔ, efiri sɛ bɛgye tom sɛ Yohane yɛ diyifoɔ.” 7 Nti bebuaa sɛ bennim baabi a tumi he firi. 8 Na Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hedeɛ me nso mennka tumi a mede yɛ yeinom nkyerɛ ho.” Nhwɛsofoɔ bɔne bi ho mfantoho ( Mateo 21:33-46 ; Marko 12:1-12 ) 9 Afei ɔyɔɔ mfantoho yi kyerɛɛ nkurofoɔ he sɛ, “Beema bi yɔɔ bobe turo bi de gyaa nhwɛsofoɔ, na otuu kwane kɔɔ mane foforɔ so kodii berɛ tentene. 10 Afei twaberɛ duruiɛ he, ɔsomaa akoa bi kɔɔ nhwɛsofoɔ he nkyɛne sɛ bɛmma no bobe turo he mu aba he bi. Nso nhwɛsofoɔ he hwee no, pamoo no ma ɔde nsapan kɔeɛ. 11 Na ɔsane somaa akoa foforɔ kɔɔ bɛ nkyɛne. Ɔno nso, bɛhwee no guu n’anim ase ma ɔde nsapan kɔeɛ. 12 Afei ɔsane somaa nea ɔto so mmeɛnsa. Yei nso bepirapiraa no sane pamoo no. 13 Nti bobeturo wura he kaa sɛ, ‘Abɛ ne menyɔ? Mɛsoma me ba a medɔ no he. Yei deɛ, ebia bɛbɛfɛre no.’ 14 Berɛ a nhwɛsofoɔ he ani bɔɔ no so he, befirii aseɛ susuu ho sɛ, ‘Mhõõ! Yei ne diadefoɔ he; homma yenku no, na agyapadeɛ he abɛyɛ yɛ deɛ.’ 15 Nti bɛpamoo no firii bobe turo he mu kokuu no. Afei, hosusu sɛ mmɛ ne bobeturo wura he de bɛyɔ bɛ? 16 Ɔbɛba abɛsɛe nhwɛsofoɔ yi na ɔde bobe turo he ama nnipa foforɔ.” Bɛtee yei he bɛkaa sɛ, “Nyankopɔn mpa ngu!” 17 Na ɔhwɛɛ bɛ kaa sɛ, “Hedeɛ nea bɛatwerɛ sɛ, ‘Boɔ a adansifoɔ he poeɛ he, ɔno ne abɛyɛ tweasotiboɔ, yi kyerɛ sɛ’? 18 Biaa a ɔbɛhwe boɔ he so he bebubu pasapasa. Na biaa a boɔ he bɛhwe no so he, ɔbɛyam no muhumuhu.” 19 Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ. Toɔ tua ho asɛmmisa ( Mateo 22:15-22 ; Marko 12:13-17 ) 20 Na bɛhwɛɛ no dinn he, bɛbɔɔ nnipa bi paa kokoam sɛ bɛnyɔ bɛ ho sɛ bɛyɛ anɔkwafoɔ, na ama bɛafa nsɛm a ɔkaeɛ he so anya no, na bɛde no ahyɛ abane ne amrado nsa. 21 Na bebisaa no sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ wo nsɛm ne wo nkyerɛkyerɛ yɛ nɔkorɛ na wonyɛ nyiyimu, na wokyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane nɔkorɛ mu. 22 Nti, mmara ma ho kwane sɛ yetua toɔ ma Kaesare anaa mmara mma kwane?” 23 Na ohuu bɛ nnaadaasɛm he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, 24 “Homfa denare mmɛkyerɛ me. Hwane mfonyini ne ne ntwerɛeɛ ne bɛakurukyire agu so yi?” Bɛkaa sɛ, “Kaesare deɛ.” 25 Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Hedeɛ, homfa Kaesare deɛ mma Kaesare na homfa Nyankopɔn deɛ mma Nyankopɔn.” 26 Na bɛannya soboɔ biaa amfa ammɔ no asɛm yi ho nkurofoɔ he anim, na mmom ne mmuaeɛ he maa bɛ ho dwirii bɛ ma bɛyɛɛ dinn. Wusɔreɛ ho asɛmmisa ( Mateo 22:23-33 ; 22:46 ; Marko 12:18-27 ; 12:34 ) 27 Afei Sadukifoɔ a bɛka sɛ wusɔreɛ nni hɔ he mu bi ba bebisaa no 28 sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, Mose twerɛ maa yɛ sɛ, ‘Sɛ beema bi nua wɔ yerɛ na owu, na ɔne no anwo ba a, ne nua nware ne yerɛ he na ɔne no nwo mma ma ne nua a wawu he.’ 29 Na anuanom nson bi ya hɔ; nea odi kane he wareeɛ na owuiɛ a wanwo ba. 30 Nti nea ɔto so mmienu he 31 ne nea ɔto so mmeɛnsa he waree baa he. Nnipa nson he nyinaa yɔɔ saa wuwuiɛ a bɛannya mma bɛ akyi. 32 Awieeɛ koraa he, baa he nso wuiɛ. 33 Nti, wusɔre mu he, bɛ mu hwane ne baa he bɛyɛ ne yerɛ, berɛ a nnipa nson he nyinaa waree no?” 34 Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Wiase yi mma deɛ, bɛware na bɛde bɛ ma awareɛ, 35 nso bɛ a bɛabu bɛ sɛ bɛfata sɛ benya wiase foforɔ he ne awufoɔ mu sɔreeɛ hedeɛ, bɛnware na bɛmfa bɛ mma awareɛ. 36 Nɔkorem he, bentumi nwu bio, efiri sɛ bɛte sɛ abɔfoɔ a bɛnnware, na esiane sɛ bɛyɛ wusɔreɛ mma nti, bɛyɛ Nyankopɔn mma. 37 Na ɔfa awufoɔ sɔreɛ ho deɛ, Mose nso kyerɛɛ no wuraa he mu nsɛm he mu berɛ a ɔfrɛɛ Awurade sɛ, Abraham Nyankopɔn ne Isak Nyankopɔn ne Yakob Nyankopɔn.’ 38 Ne saa nti, ɔnyɛ awufoɔ Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ ateasefoɔ Nyankopɔn, efiri sɛ bɛ nyinaa bɛte ase ma no.” 39 Atwerɛfoɔ he mu bi buaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, woaka no yie.” 40 Na bɛannya akokoɔduro ammisa no asɛm biaa bio. Dawid ba he ne Dawid wura ( Mateo 22:41-45 ; Marko 12:35-37 ) 41 Afei obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ nti ne bɛka sɛ Kristo he yɛ Dawid ba? 42 Efiri sɛ Dawid ankasa ka no Nnwom nwoma he mu sɛ, ‘Awurade ka kyerɛɛ m’Awurade sɛ, “Tena me nsa nifa 43 kosi sɛ mede w’atamfoɔ bɛyɛ wo nane ase ntiasoɔ.” ’ 44 Nti, sɛ Dawid frɛɛ no ‘Awurade’ a, hedeɛ ɔyɛɛ dɛ ne ɔyɛ ne ba?” Atwerɛfoɔ ho kɔkɔbɔ ( Mateo 23:1 ; 23:5-7 ; 23:14 ; Marko 12:38-40 ) 45 Afei, berɛ a nnipa he nyinaa ootie no he, ɔka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, 46 “Honhwɛ yie atwerɛfoɔ he ho; bɛ ne bɛpɛ sɛ bɛhyɛ ntaadeɛ atentene, kyinkyini na bɛpɛ badwa mu nkyea ne hyiadane mu nkonnwa a ɔya animu ne mpanyini tenabea apontoɔ ase, 47 na bɛbɔ akunafoɔ apoo, na nyaatwom nti, bɛbɔ mpaeɛ atentene. Yeinom benya fobuo kɛseɛ.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana