Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Luka 17 - Apam Foforɔ


Sintiduatoɔ

1 Afei ɔka kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ. “Nea ɔbɛyɛ biaa sintiduatoɔ he bɛba. Nso nea ɔnam no so bɛba he nnue!

2 Nka ɔyɛ ma no sɛ bɛde ayuyammoɔ bɛsɛne ne kɔno mu akɔto no ato po mu, sene sɛ ɔbɛto nketewa yi mu baako sintidua.


Bɔne fakyɛ

3 Homma ho ani mmra ho ho so. Sɛ wo nua yɛ bɔne bi a ka n’anim, na sɛ onu ne ho a fakyɛ no.

4 Sɛ bi yɛ wo bɔne mprɛ nson da koro na ɔsane ba wo nkyɛne mprɛ nson ka sɛ, ‘Maanu me ho a,’ fakyɛ no.”

5 Na asomafoɔ he ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Ma yɛ gyidie nyɛ kɛseɛ.”


Gyidie mu tumi

6 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛ howɔ gyidie a ne kɛseɛ te sɛ sinapi aba mpo a, nka hobɛka akyerɛ saa akyee dua yi sɛ, ‘Tutu na kosi po mu!’ Na nka obetie ho.


Nɔkorɛdie

7 “Ho mu hwane ne ɔwɔ akoa a oofuntum asaase anaa ɔɔhwɛ mmoa, na sɛ ofiri afuom ba a ɔbɛka akyerɛ no sɛ, ‘Yɔ ntɛm bra bɛtena didipono ho’;

8 na ɔnnka nkyerɛ no sɛ, ‘Siesie bibi ma menni anwummerɛ yi, na bɔ wo ho so som me kosi sɛ medidi anom awie, na ɔno akyi he wobetumi adidi anom?’

9 Ɔbɛda akoa he ase sɛ wayɔ nea wahyɛ no he anaa?

10 Nti ho nso, sɛ hoyɔ nea bɛahyɛ ho nyinaa wie a, honka sɛ, ‘Yɛyɛ nkoa a yɛnsɛ hwee. Nea ɔsɛ sɛ yɛyɔaa ne yɛayɔ yi.’ ”


Akwatafoɔ du he ayaresa

11 Na Yesu ɔɔkɔ Yerusalem he ɔfaa Samaria ne Galilea ntam.

12 Na ɔɔyɛ aduru akuraa bi ase he, mmeema akwatafoɔ du huu no, nso bɛsɔre gyinaa akyirikyiri.

13 Na bɛmaa bɛ nne so kaa sɛ. “Owura Yesu hu yɛ mmɔbɔ!”

14 Na ohuu bɛ he, ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Honkɔ na homfa ho ho nkɔkyerɛ asɔfoɔ he.” Na berɛ a bɛɛkɔ he bɛ ho firiiɛ.

15 Berɛ a bɛ mu baako huu sɛ ne ho afiri he, ɔsane baeɛ de nne kɛseɛ hyɛɛ Nyankopɔn animuonyam:

16 Na ɔde n’anim butu Yesu nane ase daa no ase; na ɔyɛ Samariani.

17 Afei Yesu buaa sɛ, “Ɔnyɛ du ne bɛ ho firiiɛ? Na nkron a bɛaka he ya he?

18 Nti bɛanhu bɛ mu biaa a wasane n’akyi ammfa animuonyam ammra Nyankopɔn ka beema a ɔyɛ manfrani yi ho?”

19 Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre kɔ; wo gyidie agye wo.”


Nyankopɔn ahennie he mmaeɛ

20 Berɛ bi Farisifoɔ he bisaa Yesu berɛ korɔ a Nyankopɔn ahennie he bɛba, obuaa bɛ sɛ, “Nyankopɔn ahennie he ɔɔmma sɛ adeɛ a behu no pefee;

21 na bɛnka nso sɛ ‘Hwɛ, ɔya ha’ anaa ‘ɔya hɔ,’ efiri sɛ Nyankopɔn ahennie he ya ho mfimfini.”

22 Afei ɔka kyerɛɛ asuafoɔ he sɛ, “Nna bi ɔɔba a hobɛpɛ sɛ hohu Nipa Ba he nna he mu baako nso hoonhu.

23 Na nnipa bɛka akyerɛ ho sɛ, ‘Honhwɛ hɔ,’ anaa ‘Honhwɛ ha!’ Nso honnkɔ na honnni bɛ akyi nso.

24 Na sɛnea anyinam ma ne hann hyerɛn firi soro ase fã bi kɔ soro aseɛ fã foforɔ he, saa ne nipa Ba he bɛyɛ ne nna he mu.

25 Nso nea odi kane he, ɔsɛ sɛ Nipa Ba he hu amaneɛ bebree na nneemmafoɔ po no.


Noa ne Lot nna ho mfatoho

26 Bio nso, sɛnea ɔyɛɛ Noa nna he mu he, saa ne ɔbɛyɛ nipa Ba he nna he nso mu.

27 Bedidiiɛ, nomeeɛ, mmeema warewareeɛ, bɛde mmaa memaa awareɛ, kosii da a Noa kɔhyɛnee adaka he mu na nsuhyiri he ba bɛsɛee bɛ nyinaa he.

28 Saa ne ɔyɛɛ Lot nna he mu, bedidiiɛ, nomeeɛ, bɛtɔeɛ, bɛtɔnooɛ, beduaeɛ, besisii adane.

29 Na da a Lot firii Sodom he, gya ne sɔɔfee tɔ firii soro bɛsɛee bɛ nyinaa.

30 Saa ne ɔbɛyɛ da a bebeyi nipa Ba he adi he.

31 “Saa da he, mma nipa a ɔya dane atifi a ne nnoɔma ya fie hɔ he nsi fam mmɛfa, na nipa a ɔya afuom he, mma ɔno nso nsane mmɛfa nnoɔma a ɔya akyi he.

32 Honkaeɛ Lot yerɛ he.

33 Biaa a ɔhwehwɛ sɛ ɔbɛkora ne kra he, ɔbɛhwere, na biaa a ɔbɛhwere ne kra he benya nkwa.

34 Meeka akyerɛ ho sɛ, saa anadwo he, ɔte sɛ nnipa mmienu da mpa baako so, na bɛafa baako kɔ na bɛagya nea ɔka ne ho he hɔ.

35 Saa ara nso ne sɛ mmaa mmienu ɔɔyam adeɛ ayuyammoɔ korɔ so na bɛafa baako kɔ na bɛagya nea ɔka ne ho he hɔ.”

36 [Ɔte sɛ mmeema mmienu te afuom; na bɛafa baako, na bɛagya baako hɔ.]

37 Nti bebisaa no sɛ, “Awurade, he fa?” Ɔka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Nea afunu ya he, hɔ ne pɛtɛ bɛboaboa bɛ ho ano.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ