Hebrifoɔ 8 - Apam FoforɔApam a odi mu ntamgyinafoɔ 1 Na afei yɛ asɛm a yɛɛka he titire paa ne sɛ, yɛwɔ saa sɔfo panyini yi a ɔte deɛ ɔte Tumi kɛseɛ he ahennwa nifa so ya soro, 2 a ɔyɔ kronkronbea ne ntomadane a owie pɛyɛ a ɔnnyɛ nipa ne yɔeɛ, na mmom ɔyɛ Awurade he ankasa ne yɔeɛ he mu adwuma. 3 Na bɛ de sɔfo panyini biaa si hɔ sɛ ɔmfa ayɛyɛdeɛ ne afɔrebɔdeɛ mmra afɔrebokyia so; ne saa nti ohia sɛ ɔno nso nya bibi bɔ afɔreɛ. 4 Na afei, sɛ nka ɔya asaase yi so a, nka ɔnyɛ sɔfo koraa, esiane sɛ asɔfoɔ bebree ya hɔ daa a bɛbɔ afɔreɛ sɛnea mmara he ka he. 5 Saa asɔfoɔ he som kronkronbea a ɔyɛ soro deɛ he nhwɛsoɔ ne ne mfonyini; efiri sɛ berɛ a Mose oobesi ntomadane he, Nyankopɔn hyɛɛ no sɛ, “Hwɛ sɛ wobɛyɔ bibiaa sɛdeɛ mfonyini a mede kyerɛɛ wo ya mmepɔ he so he teɛ he.” 6 Nso Yesu deɛ, waanya asɔfodwuma a ɔkyɛne so koraa, ne saa nti ɔyɛ ntamgyinafoɔ mma apam a ɔkyɛne so he, deɛ ɔnam bɔhyɛ a ɔkyɛne so he so baeɛ he. Apam foforɔ bɔhyɛ 7 Na sɛ apam a odi kane he ho nni asɛm a, nka ho ankohia sɛ apam a ɔtɔ so mmienu he bɛba. 8 Nyankopɔn nyaa bɛ ho mfomsoɔ mmerɛ a ɔkaa sɛ: “Nɔkwasɛm ne sɛ nna bi ɔɔba, Awurade ne ɔɔka, sɛ me ne Israel fie ne Yuda fie bɛpam apam foforɔ 9 a ɔnte sɛ apam a me ne bɛ nananom pameɛ he, da he a mesɔɔ bɛ nsa yii bɛ firii Misraim asaase so he; efiri sɛ bɛantena m’apam he mu, ne saa nti na memfa bɛ ho koraa, Awurade ne ɔɔka. 10 Apam a me ne Israel fie bɛpam di, Awurade dɛ nna he akyi he: Mede me mmara bɛhyɛ bɛ adwenem, na matwerɛ no bɛ akoma so, na mɛyɛ bɛ Nyankopɔn, na bɛbɛ yɛ me mane. 11 Na bɛnkyerɛkyerɛ bɛ ho bɛ ho, saa nso ne bɛnnka nkyerɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Ɔsɛ sɛ wo hu Awurade,’ efiri sɛ bɛ nyinaa behu me, ofiri bɛ mu kumaa paa so de kosi kɛseɛ paa so. 12 Na mehu bɛ mmɔbɔ bɛ ammumuyɔ ho, na menkae bɛ bɔne bio.” 13 Na ɔɔka “apam foforɔ,” bi ho asɛm he, na ɔɔma kane deɛ he atwam. Na deɛ atwam na ɔɔyɛ dadaa he, ɔnkyɛre biaa ɔbɛyera afiri hɔ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana