Adiyisɛm 9 - Apam Foforɔ1 Afei bɔfoɔ a ɔto so nnum he hyɛnee ne totorobɛnto he, na mehuu nsoromma bi sɛ ofiri soro abɛhwe asaase so. Bɛmaa no amena donkodonko he ano safoa. 2 Nsoromma he biee amena donkodonko he, na wusie kumoo firi mu sɛ fononoo kɛseɛ bi, na wusie he maa awia hann ne mframa a ɔya hɔ he yɛɛ tumm. 3 Ntutummɛ firii wusie he mu baa asaase so, na bɛmaa bɛ tumi a ɔte sɛ asaase so naanantwi tumi. 4 Afei bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnsɛe serɛ anaa nnua anaa afideɛ biaa. Na mmom nnipa a Nyankopɔn ahyɛnsodeɛ he bi nni bɛ moma so he deɛ, betumi ha bɛ. 5 Na bɛamma ntutummɛ he kwane sɛ bekuku saa nnipa he, na mmom bɛnha bɛ abosome nnum. Bɛka bɛ a, bɛ ano yeyaa he te sɛ naanantwi ano yeyaa. 6 Saa bosome num he mu he, saa nnipa he bɛpere wuo, nso bennya. Bɛbɛpɛ sɛ bewu, nso wuo bedwane afiri bɛ nkyɛne. 7 Ntutummɛ he te sɛ apɔnkɔ a bɛasiesie bɛ ama ko. Bɛwɔ bibi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ bɛ ti. Na bɛ anim te sɛ nnipa anim. 8 Bɛ tinwi te sɛ mmaa tinwi, na bɛ sẽ nso te sɛ gyata sẽ. 9 Bɛde bibi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata bɛ bo. Na bɛ ntabane yɛ dede te sɛ apɔnkɔ pii a bɛɛtwe nteaseɛnam akɔ ko. 10 Bɛwɔ dua a ne nwowɔeɛ te sɛ naanantwi. Na bɛ dua he ne maa bɛ tumi a bɛde ha nnipa bosome num he. 11 Bɛwɔ hene a odi bɛ so a ɔno ne bɔfoɔ a ɔhwɛ amena donkodonko he so. Ne dini ya Hebri kasa mu ne Abadon; na Hela kasa mu nso ɔde Apolion (a n’asekyerɛ ne “Sɛefoɔ”). 12 Haw baako atwam. Yei akyi he, haw mmienu bi bɛba. 13 Afei bɔfoɔ a ɔtɔ so nsia he hyɛne ne totorobɛnto he, na metee nne bi firii sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi Nyankopɔn anim he mmɛne he mu. 14 Nne he ka kyerɛɛ bɔfoɔ a ɔto so nsia a okita totorobɛnto he sɛ, “Sansane abɔfoɔ nnan a bɛakyekyere bɛ asubɔntene Eufrate ho he.” 15 Besansanee abɔfoɔ nnan he a bɛasiesie bɛ ama saa dɔnhwere yi, saa da yi, saa bosome yi ne saa afe yi sɛ benkuku adasamma mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako. 16 Na metee sɛ dɔm a bɛtete apɔnkɔ so he ano si mpem du ahodoɔ mpem aduonu. 17 Na m’anisoadehunu he mu he, mehuu apɔnkɔ he ne bɛ akafoɔ. Na bɛ nkataboɔ he ahosu te sɛ gya, tumm te sɛ afasebiri, na ɔte sɛ sɔfe nso. Na apɔnkɔ he ti te sɛ gyata ti a gya, wusie ne sɔfe firi bɛ anum. 18 Saa haw ahodoɔ mmeɛnsa he a ɔyɛ gya, wusie ne sɔfe he a ofiri apɔnkɔ he anum baeɛ he kuu adasamma nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, 19 efiri sɛ, na apɔnkɔ he tumi nyinaa firi bɛ anum ne bɛ dua. Bɛ dua te sɛ awɔ a bɛwɔ ti a ɔno ne na bɛde pirepira nnipa. 20 Adasamma a bɛkaeɛ he a haw he anku bɛ he antwe bɛ ho amfiri bɛ nnwuma ho. Bɛannyae ahohommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowa ne aboɔ ne nnua a onhu adeɛ na ɔnte asɛm na ontumi nnante he som. 21 Saa nso ne bɛansakra bɛ adwene amfiri bɛ awudie, bɛ adutoɔ, bɛ adwamammɔ ne bɛ korɔnobɔ ho. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana