Adiyisɛm 8 - Apam FoforɔNsɔano a ɔtɔ so nson 1 Berɛ a ɔtee nsɔano a ɔto so nson he ano he, soro nyinaa tam dinn bɛyɛ dɔnhwere fa. 2 Afei mehuu abɔfoɔ nson a begyinagyina Nyankopɔn anim. Bɛmaa bɛ ntotorobɛnto nson. 3 Bɔfoɔ foforɔ a na okita sikakɔkɔɔ aduhwam adaka begyinaa afɔrebokyia he ho. Bɛmaa no aduhwam bebree sɛ ɔmfa mmɔ mpaeɛ nka Nyankopɔn nkurofoɔ he deɛ ho na ɔmmɔ sikakɔkɔɔ afɔrebokyia a osi ahennwa he anim he so afɔdeɛ. 4 Aduhwam he hua ne Nyankopɔn nkurofoɔ mpaeɛ firi bɔfoɔ he nsam kɔɔ Nyankopɔn anim. 5 Afei bɔfoɔ he faa aduhwam adaka he de gya a ofiri afɔrebokyia he so hyɛɛ no ma too twenee asaase so. Na apranaa ne nne ahoroɔ ne anyinam ne asaasewosoɔ baeɛ. 6 Na abɔfoɔ nson a bekitakita ntotorobɛnto nson he siesiee bɛ ho sɛ bɛɛbɛhyɛne. 7 Bɔfoɔ a odi kane he hyɛne ne totorobɛnto he. Na asukɔtwea ne gya a ɔne mogyaa adi afra tɔ guu asaase so. Asaase nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ. Nnua nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako hyeeɛ, na nwura mono nyinaa nso hyeeɛ. 8 Afei bɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛtoo bibi a ɔte sɛ bepɔ kɛseɛ a ɔɔdɛre too po mu. 9 Po he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako danee mogyaa. Na abɔdeɛ a bɛwɔ nkwa a bɛya po mu he, bemu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako wuwuiɛ maa ahyɛne mu nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako nso sɛeɛ. 10 Afei bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na nsoromma kɛseɛ bi a ɔɔdɛre sɛ gyatanaa te firii soro bɛhwee nsuo nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako mu. 11 Nsoromma he dini de Nwononwono. Nsuo he nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako yɛɛ nwono, na nnipa a bɛnomeeɛ he mu bebree wuwuiɛ, efiri sɛ, na ayɛ nwono. 12 Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hyɛnee ne totorobɛnto he. Na bɛbɔɔ awia nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako ne bosome nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako, ne nsoromma nkyekyem mmeɛnsa mu baako, na biaa nkyekyɛmu mmeɛnsa mu baako he duduruu sum, na adekyeɛ mu nkyekyem mmeɛnsa mu baako anhyerɛn, na anadwo nso saa. 13 Na mehuu kɔdeɛ bi sɛ a watu nam sorosoro, na metee sɛ ɔɔteam sɛ, “Bɛ a bɛte asaase so he nnue; honnue, honnue ɔnam totorobɛnto a aka a abɔfoɔ mmeɛnsa he ɔɔbɛhyɛne he nti.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana