Adiyisɛm 6 - Apam FoforɔNsɔano nson he 1 Afei mehuu sɛ adwamaa he ate nsɔano nson he mu nea odi kane he ano, na metee sɛ ateasefoɔ nnan he mu baako de nne a ɔte sɛ apranaa ɔɔka sɛ, “Bra!” 2 Afei mehwɛeɛ, na hwɛ, na pɔnkɔ fitaa bi di. Na deɛ ɔte ne so he kita agyane, na bɛmaa no ahenkyɛ. Ofiri adi sɛ nkunimdifoɔ a ookodi nkunim bio. 3 Na ɔtee nsɔano a ɔto so mmienu he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmienu he ɔɔka sɛ, “Bra!” 4 Afei pɔnkɔ foforɔ bi a ɔyɛ kɔkɔɔ pie baeɛ. Bɛmaa nea ɔte ne so he tumi sɛ ɔmfa kõ mmra asaase so, na nnipa nkuku bɛ ho. Bɛmaa no nkrantɛ kɛseɛ bi. 5 Na ɔtee nsɔano a ɔtɔ so mmeɛnsa he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so mmeɛnsa he ɔɔka sɛ, “Bra!” Mehwɛeɛ, na hwɛ, pɔnkɔ tuntum bi di. Na nea ɔte ne so he kita nsania ya ne nsam. 6 Metee bibi te sɛ nne bi firi ateasefoɔ nnan he nkyɛne. Na nne he kaa sɛ, “Ayuo susukora yɛ paani da koro akatua, na aburo susukora mmeɛnsa nso yɛ paani da koro akatua. Nso, nsɛe ngo he ne nsa he!” 7 Afei adwamaa he tee nsɔano a ɔtɔ so nnan he ano, na metee sɛ teasefoɔ a ɔtɔ so nnan he ɔɔka sɛ, “Bra!” 8 Mehwɛeɛ na hwɛ, pɔnkɔ nsõnsõ bi di. Bɛtoo ne sotefoɔ he dini sɛ Wuo. Na Asamando nso di n’akyi pɛɛ. Bɛmaa bɛ asaase nkyemu nnan mu baako so tumi sɛ bɛmfa afena ne kɔm ne wuo ne asaase so nkekaboa nkuku bɛ. 9 Afei ɔtee nsɔano a ɔto so num he ano. Na mehuu bɛ a Nyankopɔn asɛm ne bɛ adanseɛ a bediiɛ nti bɛakuku bɛ he akra, afɔrebokyia he ase. 10 Bɛde nne a ano ɔdene kaa sɛ, “O Awurade Tumfoɔ, kronkronni ne nɔkwafoɔ! Wobɛtwentwɛne wo nane ase akosi da bɛ na woabu atɛne atua nnipa a bɛya asaase so ka yɛ mogyaa ho?” 11 Bɛmaa bɛ mu biaa ataade tentene fitaa, na bɛka kyerɛɛ bɛ sɛ bɛntwɛne kakra nkosi sɛ bɛ mfɛfoɔ asomfo ne bɛ nuanom a bebekuku bɛ sɛnea bekuu bɛ he bɛba abɛka bɛ ho ama bɛ dodoɔ awie pɛyɛ. 12 Na mehuu sɛ ɔtee nsɔano a ɔtɔ so nsia he ano. Na asaasewosoɔ a ano ɔdene ba maa awia yɛɛ tumm sɛ birisie, na bosome yɛɛ kɔɔ sɛ mogyaa. 13 Na nsoromma tete firi soro bɛhwee asaase so te sɛ borɔdoma a mframa kɛseɛ woso no tete n’aba bunu gu fam. 14 Afei soro yeraeɛ te sɛ nwoma a bɛabobɔ, na mmepɔ, ne nsupɔ firii baabi a na bɛyeya. 15 Na asaase so ahemfo ne nnipa akɛseɛ ne asafohene ne adefoɔ ne ahoɔdenfoɔ ne nkoa ne adehyeɛ nyinaa hintahintaa abodane ne mmepɔ mu abotane mu. 16 Na bɛka kyerɛɛ mmepɔ ne abotane he sɛ, “Honkata yɛ so na homfa yɛ nsie sɛnea ɔbɛyɛ a nea ɔte ahennwa he so he ani onhu yɛ na yemfiri Adwamaa he abufuo ano, 17 efiri sɛ n’abufuo da kɛseɛ he aduru; na hwane ne betumi agyina ano?” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana