Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Adiyisɛm 19 - Apam Foforɔ


Sorofoɔ dii ahurisie

1 Yei akyi he, metee bibi a ɔte sɛ nnipakuo bebree nne firii soro sɛ: “Haleluya! Nkwagyeɛ ne animuonyam ne tumi yɛ yɛ Nyankopɔn dea

2 efiri sɛ, n’atemmuo yɛ nɔkorɛ na ɔtene sɛ obuu dwamanfoɔ kɛseɛ a ɔde n’adwamammɔ asɛe asaase he atɛne, na ɔtɔɔ ne nkoa mogyaa so werɛ ne nsa mu.”

3 Na afei bɛteaam bio sɛ, “Haleluya! Na wusie a ofiri ne mu he kɔ soro daa daa.”

4 Mpanyimfoɔ aduonu nnan ne ateasefoɔ nnan he butubutu Nyankopɔn a ɔte n’ahennwa so he anim somm no. Na bɛteaam sɛ, “Amen, Haleluya!”

5 Afei nne bi firi ahennwa he so baa sɛ, “Honkamfo yɛ Nyankopɔn, ho a hoyɛ ne nkoa, ne ho a hosuro no nyinaa, akɛseɛ ne nkumaa!”

6 Afei metee nne bi te sɛ nnipadɔm nne, ne nsuo nworosoɔ ne apranaa a ɔɔpaepae a ɔɔteam sɛ, “Haleluya! Yɛ Tumfoɔ Awurade Nyankopɔn di hene.

7 Homma yɛ ho nsɛpɛ yɛ na yɛ ani nnye na yɛnhyɛ no animuonyam, efiri sɛ, dwammaa he ayefohyia aduru, na ne yerɛ asiesie ne ho.

8 Bɛde nwera pa a ani hyerɛn na ani te maa no sɛ ɔnhyɛ.” Nwera pa he ne ahoteefoɔ tenenee adeyɔ.

9 Afei bɔfoɔ he ka kyerɛɛ me sɛ, “Twerɛ sɛ, Nhyira nka bɛ a bɛato nsa afrɛ bɛ dwammaa he ayefohyia apontoɔ ase.” Na ɔka kaa ho sɛ, “Yei yɛ Nyankopɔn asɛm turodoo.”

10 Afei mebutuu ne nane ase sɔree no. Nso ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Nyɔ saa, efiri sɛ, meyɛ akoa te sɛ wo ne wo nuanom a bedi Yesu ho adanseɛ heaa, Nyankopɔn mmom ne koto sɔre no! Na Yesu adanseɛ ne yɛ adiyie honhom he.”


Gyefoɔ he ho anisoadehunu kɛseɛ

11 Afei mehuu sɛ soro abie a pɔnkɔ fitaa ya hɔ. Na nea ɔte ne so he dini de “Ɔseadeɛyɔ ne Nɔkwafoɔ,” na tenenee ne ogyina so bu atɛne ko ne ko nso.

12 N’ani te sɛ gya a ɔɔdɛre, na na ɔbɔ ahemmotire bebree. Na bɛatwerɛ ne dini bi a biaa nnim gye sɛ ɔno nkoaa.

13 Na bɛde n’ataadeɛ a ɔhyɛ he anu mogyaa mu. Dini a bɛde frɛ no ne “Nyankopɔn Asɛm.”

14 Soro asraafoɔ a bɛhyehyɛ nwera fitaa a ani te a bɛtete pɔnkɔ fitaa so dii n’akyi.

15 Afei nkrantɛ nnamnnam a ɔde bedi amane so firi n’anum baeɛ. Ɔde dadeɛ poma ne bedi bɛ so. Obetiatia Nyankopɔn a ɔyɛ adeɛ nyinaa so tumfoɔ he abufuo a ɔdene he nsa-kyi-amena he so.

16 Na bɛatwerɛ dini “Ahene mu Hene ne awuranom mu Awurade” agu n’ataadeɛ mu ne ne nane ho.


Bedii aboa he ne n’asraafoɔ he so nkunim

17 Afei mehuu bɔfoɔ bi a ogyina awia mu. Ɔteaam guu nnomaa a bɛnam wiem nyinaa so sɛ, “Hommra mmehyiam Nyankopɔn apontoɔ kɛseɛ he ase.

18 Hommedi ahemfo nam ne asafohene nam ne atumfoɔ nam ne apɔnkɔ ne bɛ a bɛtete bɛ so nam ne adehyeɛ ne nkoa ne akɛseɛ ne nkumaa nyinaa nam.”

19 Afei mehuu aboa he ne asaase so ahemfo ne bɛ asraafoɔ a bɛaboa bɛ ano ɔɔkɔko atia nea ɔte pɔnkɔ he so he ne ne dɔm.

20 Bɛkyee aboa he ne ne diyifoɔ torɔfoɔ a ɔyɔɔ anwanwadeɛ n’anim he de no too afiase. Saa anwanwadeɛ he so ne ɔnam daadaa bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ agyinaeɛ ne bɛ a bɛsom aboa he honyini he. Bɛtoo aboa he ne diyifoɔ torɔfoɔ he anikann guu gya tadeɛ a sɔfe ɔɔdɛre mu he mu.

21 Bɛde nkrantɛ a ofiri pɔnkɔkafoɔ he anum kukuu bɛ asraafoɔ, na nnomaa he dii bɛ nam meeɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ