Adiyisɛm 16 - Apam FoforɔNyankopɔn abufuo nkuruwa nson he 1 Afei metee nne kɛseɛ bi a ofiri asɔredane he mu a ɔka kyerɛɛ abɔfoɔ nson he sɛ, “Kɔ na kohwie Nyankopɔn abufuo nson a ɔya nkuruwaa nson mu he gu asaase so.” 2 Bɔfoɔ a odi kane he kohwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asaase so. Akuro a ohu na ɔyeya tutuu bɛ a bɛde aboa he ahyɛ bɛ ho agyinaeɛ he ne bɛ a bɛsomm ne sɛso honyini he nso. 3 Bɔfoɔ a ɔto so mmienu he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu po mu. Afei nsuo he danee te sɛ awufoɔ mogyaa, na abɔdeɛ biaa a nkwa yam ya po he mu he wuiɛ. 4 Bɔfoɔ a ɔto so mmeɛnsa he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu nsubɔntene mu maa nsuo he nyinaa danee mogyaa. 5 Metee sɛ bɔfoɔ a ɔhwɛ nsuo so he ɔɔka sɛ, “O Kronkronni a wotene, na woya hɔ, na woya ha firi tetentredee, w’atɛne a wobuiɛ he yɛ atɛntenenee. 6 Na bɛahwie Nyankopɔn ahoteefoɔ ne adiyifoɔ mogyaa agu, nti woama bɛ mogyaa sɛ bɛ nom. Nea ɔfata bɛaa ne beenya yi.” 7 Na metee sɛ nne bi firi afɔrebokyia he mu a ɔdɛ: Ɛɛ! Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, w’atemmuo yɛ nɔkorɛ ne tenenee. 8 Afei bɔfoɔ a ɔto so nnan he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu awia so na bɛmaa awia tumi sɛ ɔmfa ne hyeɛ yaayaa he nhye nnipa. 9 Awia he hyeɛ yaayaa he hyee nnipa ma bɛkaa Nyankopɔn a ɔwɔ saa haw yi nyinaa so tumi he dini he ho abususɛm. Nso bɛannu bɛ ho anhyɛ no animuonyam. 10 Afei bɔfoɔ a ɔto so num he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu aboa he ahennwa he so. Sum duruu aboa he ahemmane mu, na osiane yeya nti, nnipa wee bɛ kɛtrɛma, 11 na esiane saa yeyaa he ne akuro a otutuu bɛ he nti, bɛdomee soro Nyankopɔn. Nso bɛansakra bɛ adwene amfiri bɛ bɔne ho. 12 Bɔfoɔ a ɔto so nsia he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu asubɔntene Eufrate mu. Nsuo he weweeɛ na ɔdanee kwane maa ahene a befiri awia apieeɛ. 13 Afei mehuu ahohommɔne mmeɛnsa bi a na bɛte sɛ atwerɛ a na befifiri tweaseɛ he ne aboa he ne atorɔ diyifoɔ he anum. 14 Bɛyɛ ahohommɔne a bɛyɔ anwanwadeɛ. Saa ahohom mmeɛnsa yi kɔɔ ahene a bɛya asaase so nyinaa nkyɛne kɔka bɛ nyinaa boa ano ma Tumfoɔ Nyankopɔn da kɛseɛ he mu ko he. 15 (“Hontie! Hwɛ, meeba te sɛ korɔmfoɔ. Nhyira ne nea ɔwɛne na ɔhwɛ ne ntaadeɛ so sɛnea ɔɔnnante adagya, ngu ne ho anim ase badwam!”) 16 Na bɛboaboaa ahene he ano kɔɔ baabi a Hebri kasa mu bɛfrɛ hɔ Armagedon. 17 Afei bɔfoɔ a ɔto so nson he hwiee nea ɔya ne kuruwa he mu guu mframa mu. Na nne dendene bi firi ahennwa a ɔya asɔredane he mu kaa sɛ, “Bɛawie.” 18 Na anyinam tete maa apranaa paepaeɛ, na asaasewosoɔ kɛseɛ bi a ohu paa a ofiri berɛ a nnipa baa asaase so bi nsii saa da, baeɛ. Yei ne asaasewosoɔ nyinaa mu nea ano ɔdene paa. 19 Kuro kɛseɛ he mu paee mmeɛnsa, na amane nyinaa nkuro akɛseɛ sɛesɛee. Nyankopɔn kaee Babel kɛseɛ he maa ɔnom nsa a ano ɔdene he, firii ne kuruwa ano. 20 Nsupɔ ne mmepɔ nyinaa yeraeɛ. 21 Na asukɔtwea akɛseɛ a ɔte sɛ nkariboɔ ha firi soro guguu nnipa so, na asukɔtwea he haw nti, nnipa kaa Nyankopɔn ho abususɛm efiri sɛ na haw he so kɛse paa. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana