Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Adiyisɛm 15 - Apam Foforɔ


Abɔfoɔ a bekitakita haw mmusuo a otwa toɔ he

1 Na mehuu nsɛnkyerɛnne foforɔ bi a ɔsõ na ɔyɛ nwanwa ya soro. Na abɔfoɔ nson kitakita haw nson a ɔyɛ haw a otwa toɔ, efiri sɛ, ɔno ne kyerɛ Nyankopɔn abufuo a otwa toɔ.

2 Afei mehuu bibi te sɛ ahwehwɛ po a bɛde gya afra mu, ne bɛ a bɛadi aboa he ne ne honyini ne n’akontahyɛdeɛ he so nkunim. Na begyinagyina ahwehwɛ po he ho a bekitakita Nyankopɔn nsankuo.

3 Na bɛɛto Nyankopɔn akoa Mose nnwom ne Adwamaa he nnwom sɛ, Awurade Nyankopɔn, adeɛ nyinaa so tumfoɔ, wo nnwuma yɛ akɛseɛ na ɔyɛ nwanwa. O! meresantene hene, w’akwane tene na ɔyɛ nɔkorɛ.

4 Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.

5 Na yeinom akyi he, mehuu sɛ asɔredane a ɔyɛ adanseɛ ntomadane a ɔya soro he abie.

6 Abɔfoɔ nson a bɛmaa bɛ tumi sɛ bɛmfa haw nson mmra he pie firii asɔredane he mu a na bɛhyehyɛ ntaadeɛ fitaa a sikakɔkɔɔ aboomu bɔ bɛ mu.

7 Afei ateasefoɔ nnan he mu baako maa abɔfoɔ nson he sikakɔkɔɔ nkuruwaa nson a, Nyankopɔn a ɔte ase daa daa he abufuo ahyɛ no ma.

8 Wusie a ofiri Nyankopɔn animuonyam ne ne tumi mu he hyɛɛ asɔredane he ma. Na biaa antumi ankɔ asɔredane he mu kosii sɛ haw nson a abɔfoɔ nson he de baeɛ he to twaeɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ