Adiyisɛm 10 - Apam FoforɔBɔfoɔ he ne Nwoma ketewa he 1 Afei mehuu bɔfoɔ tumfoɔ bi a ofiri soro oosiane ba fam. Na ɔhyɛ mununkum mu a nyankontɔno bɔ ne ti. Na n’anim te sɛ awia, na ne nane te sɛ gya fadum. 2 Na nwoma ketewa bi kita no a wabie mu. Ɔde ne nane nifa sii po so a na benkum he nso si asaase so. 3 Ɔteaam maa ne nne woroo so sɛ gyata. Ɔfrɛeɛ he, apranaa nson he woroo so gyee so. 4 Bɛka saa pɛ, na mepɛ sɛ metwerɛ. Nso metee nne bi firi soro a ɔkaa sɛ, “Ma nsɛm a apranaa nson he kaeɛ he nka wo tim. Ntwerɛ!” 5 Hɔaa, bɔfoɔ a mehuu sɛ ogyina hɔ a ne nane baako si po so na baako nso si asaase so he maa ne nsa nifa so kɔɔ soro, 6 na ɔde deɛ ɔte hɔ daa daa a ɔbɔɔ soro ne asaase ne po ne nea ɔya mu nyinaa he dini kaa ntam. Bɔfoɔ he kaa sɛ, “Bɛntwentwɛne bɛ nana ase bio. 7 Na sɛ bɔfoɔ a ɔto so nson he hyɛ ne totorobɛnto he a, ne Nyankopɔn bewie n’ahintasɛm mu nhyehyɛeɛ he, sɛnea ɔka kyerɛɛ n’asomfoɔ a bɛyɛ adiyifoɔ he.” Bɔfoɔ he nwoma 8 Afei nne a metee sɛ ofiri soro he kasa kyerɛɛ me bio sɛ, “Kɔ na kɔgye nwoma a bɛabie mu a okita bɔfoɔ a ogyina po ne asaase so he.” 9 Mekɔɔ bɔfoɔ he nkyɛne kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmfa nwoma ketewa he mma me. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Gye na we. Ɔbɛkeka wo yam, nso w’anum deɛ, ɔbɛyɛ dɛ te sɛ woɔ.” 10 Megyee nwoma ketewa he firii ne nsam weeɛ, na ɔyɛɛ dɛ te sɛ woɔ ya m’anum. Nso memeneeɛ he akyi, ɔkekaa me yam. 11 Afei bɛka kyerɛɛ me sɛ, “Ɔsɛ sɛ woka nkurofoɔ ne amane ne kasa ne ahemfo bebree ho adiyisɛm bio.” |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana