Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Asomafoɔ 25 - Apam Foforɔ


Paulo de n’asɛm kɔdanee Kaesare

1 Afei Festo baa ne mane a odi so amrado he mu. Na nnansa akyi, ofiri Kaesarea kɔɔ Yerusalem.

2 Na asɔfoɔ mpanyimfoɔ ne Yudafoɔ atitire he bɛkaa Paulo ho nsɛmmɔne kyerɛɛ no. Na befirii aseɛ paa no kyɛw

3 srɛɛ sɛ ɔnyɔ bɛ adom nsoma nkɔfrɛ beema he mmra Yerusalem. Na bɛabɔ pɔ paa sɛ bɛbɛtɛ kwane ho aku no.

4 Nso Festo buaa sɛ bɛde Paulo ato afiase ya Kaesarea na ɔɔnnkyɛre biaa ɔnoaa nso bɛkɔ.

5 Ɔkaa sɛ, “Nti homma bɛ a bɛya ho mu a bɛyɔ tumi he ne me nkɔ, na sɛ bibi a ɔmfa kwane mu ya beema he ho a, bɛabɔ no soboɔ.”

6 Nti berɛ a odii bɛ nkyɛne bɛyɛ nnawɔtwe anaa dadu he, ɔsane kɔɔ Kaesarea, na adeɛ kyeeɛ he, ɔtenaa atemmuo adwa so hyɛɛ sɛ bɛmfa Paulo mmra.

7 Berɛ a Paulo baeɛ he, Yudafoɔ a na befiri Yerusalem he betwaa ne ho hyiaeɛ, kaa nsɛm akɛseɛ bebree guu ne so a bɛantumi amfa ho adanseɛ biaa amma.

8 Paulo yii ne ho ano sɛ, “Menyɔɔ bɔne biaa a otia Yudafoɔ Mmara anaa asɔrefie he anaa Kaesare.”

9 Afei esiane sɛ Festo pɛ sɛ onya Yudafoɔ he anim adom nti, obisaa Paulo sɛ, “Wopɛ sɛ wokɔ Yerusalem na bedi asɛm he m’anim anaa?”

10 Na Paulo buaa sɛ, “Megyina Kaesare atemmuo adwa anim, na ha na ɔsɛ sɛ bedi m’asɛm. Menyɛɛ Yudafoɔ bɔne biaa, sɛnea wo ankasa wonnim no pefee he.

11 Nso sɛ meyɛ bɔnefoɔ a maayɔ bibiaa a ɔsɛ sɛ mewu a, mennwane wuo he; nso sɛ nea bɛde ato me so yi mu biaa nnim a, biaa ntumi mfa me nnhyɛ bɛ nsa mfa mpata bɛ. Mede asɛm he dane Kaesare.”

12 Afei Festo ne abadwafoɔ he de bɛ ti sɛɛ ho he, Festo buaa sɛ, “Kaesare ne wode asɛm he akɔdane no nti, Kaesare hɔ ne wobɛkɔ.”


Festo kaa Paulo ho asɛm kyerɛ Herode Agripa

13 Nna bi akyi he, Hene Agrippa ne Berenike baa Kaesarea bɛkyeaa Festo.

14 Na esiane sɛ na bebedi nna kakra ya hɔ nti, Festo de Paulo asɛm he too hene he anim sɛ, “Beema bi ya ha a Felike gyae no afiase,

15 na berɛ a meya Yerusalem he, asɔfo mpanyimfoɔ ne Yudafoɔ mpanyimfoɔ de ne ho asɛm baeɛ, srɛɛ sɛ memmu no fɔ.

16 Na mebuaa bɛ sɛ ɔnnyɛ Romafoɔ amanneɛ sɛ bebu bi fɔ ama bɛ a bɛabɔ no soboɔ berɛ a onii he nyaa ho kwane nyii ne ho ano bɛ anim.

17 Nti berɛ a bebehyia ha he, mantwentwɛne me nane ase koraa, na adeɛ kyeeɛaa na metenaa atemmuo adwa so hyɛɛ sɛ bɛmfa beema he mmra.

18 Ɔsɔre gyinaeɛ he, bɛ a bɛɛbɔ no soboɔ he antumi anka ne ho asɛmmɔne biaa sɛnea mesusuiɛ he.

19 Ɔne sɛ, bɛne no dii anobaabaeɛ faa bɛ ankasa bɛ som ne Yesu bi a owuiɛ a Paulo ka dendenndene sɛ ɔte ase he ho.

20 Afei na menhu nea menyɔ mfa anobaabaeɛ yi ho, nti mebisaa sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem na bekodi asɛm he ya hɔ anaa.

21 Nso berɛ a Paulo srɛɛ sɛ bɛmfa no nkɔto afiase nkosi berɛ a Tumfoɔ he bebua asɛm he, mehyɛɛ sɛ bɛnhwɛ ne so nkosi sɛ mede no bɛkɔ akɔma Kaesare.”

22 Na Agrippa ka kyerɛɛ Festo sɛ, “Mɛpɛ sɛ me ankasa metie beema he ano asɛm.” Ɔkaa sɛ, “Kyena wobɛte n’ano asɛm.”


Bɛde Paulo kogyinaa Agripa anim

23 Nti adeɛ kyeeɛ he Agrippa ne Benike baeɛ a na bɛahyehyɛ bɛ ho dɔsɔɔ, na bɛ ne asahene ne kuro he mu atitire he kɔɔ baabi a betie asɛm he, na Festo maa bɛde Paulo baeɛ.

24 Na Festo kaa sɛ, “Hene Agrippa ne nnipa a hoka yɛ ho ya ha nyinaa, beema a ho ani tua no yi yɛ bi a Yudafoɔ dɔm he srɛɛ me Yerusalem ne ha nso, teateaam sɛ ɔnsɛ sɛ ɔtena nkwa mu bio.

25 Nso mehuu sɛ ɔnyɔɔ bibiaa ɔfata sɛ owu. Nti berɛ a ɔde asɛm he danee Tumfoɔ he, meyɔɔ m’adwene sɛ mede no bɛkɔ.

26 Nso mennim asɛm a mentwerɛ mfa ne ho nkɔma yɛ Wura. Nti mede no baa ho anim, titire wo Hene Agrippa, na sɛ wohwehwɛ asɛm he mu wie a, manya bibi atwerɛ,

27 efiri sɛ nyansa biaa nnim sɛ mede deduani bɛkɔ a menkyerɛ asɛm a bɛde ato no so he.”

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ