Asomafoɔ 19 - Apam FoforɔPaulo kɔɔ Efeso 1 Ɔbaa sɛ berɛ a Apolo ya Korinto he, Paulo faa mpɔtamu hɔ baabi baa Efeso, bɛtoo asuafoɔ bi. 2 Na obisaa bɛ sɛ, “Berɛ a hogye diiɛ he honyaa Honhom Kronkron anaa?” Bebuaa sɛ, “Daabi, yɛntee da mpo sɛ Honhom Kronkron bi ya baabi.” 3 Nti ɔkaa sɛ, “hedeɛ mmɛ asubɔ ne bɛbɔɔ ho?” Bebuaa sɛ, “Yohane asubɔ a.” 4 Paulo kaa sɛ, “Yohane bɔɔ asu a ɔyɛ adwensakra ho nsɛnkyerɛnne, na ɔka kyerɛɛ nkurofoɔ he sɛ bennya deɛ odi n’akyi ɔɔba, a ɔne Yesu, he mu gyidie.” 5 Na bɛtee yei he, bɛbɔɔ bɛ asu Awurade Yesu dini mu. 6 Na Paulo de ne nsa guu bɛ so he, Honhom Kronkron he baa bɛ so, na bɛkaa kasa hodoɔ hyɛɛ nkɔm. 7 Na bɛ dodoɔ yɛ du mmienu. 8 Paulo kɔɔ hyiadane he mu, de akokoɔduro kasaeɛ, na bosome mmeɛnsa ne ɔkasaeɛ, na ɔkaa Nyankopɔn ahennie ho asɛm a ɔtɔ asum. 9 Nso berɛ a binom prim bɛ akoma na bɛannye anni, na bɛkekaa gyidie Kwane He ho nsɛmmɔne nnipadɔm he anim he, ɔtwee ne ho yii asuafoɔ he firii bɛ mu, na daa na ɔka asɛm Tirano suadane he mu. 10 Yei toa so mfie mmienu, na bɛ a bɛte Asia mpɔtamu nyinaa, Yudafoɔ ne Helafoɔ nyinaa, tee Awurade asɛm. Skewa mma nson ho asɛm 11 Na Nyankopɔn nam Paulo so yɔɔ anwanwadeɛ soronko. 12 Na yei nti bɛde duku ne ntaadeɛ nsɛnanimu mpo ka ne honam na bɛde kogu ayarefoɔ so a bɛ yadeɛ he gyaeɛ, na ahonhommɔne nso he tutu firi bɛ mu. 13 Na Yudafoɔ a beekyinikyini tutu ahonhommɔne he mu binom nso bɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛbɔ Awurade dini agu bɛ a bɛwɔ ahonhommɔne he so sɛ, “Mehyɛ ho Yesu a Paulo kaa ne ho asɛm he dini mu sɛ hompie.” 14 Na Yudani sɔfo panyini bi a ɔde Skewa wɔ mma nson bi a bɛyɔ saa. 15 Na honhommɔne he buaa sɛ, “Menim Yesu, menim Paulo, na ho nso, hoyɛ hefoɔ?” 16 Na afei beema a honhommɔne ya ne mu he to hyɛɛ bɛ, so dii bɛ so, yɔɔ bɛ pasapasa, na bɛde adagya dwane firii fie hɔ kɔeɛ a na bɛapirapira. 17 Na Yudafoɔ ne Helafoɔ a bɛte Efeso tee yei he, hu kɛseɛ bɔɔ bɛ nyinaa, na bɛkɔɔ so kamfõõ Awurade Yesu dini. 18 Na bɛ a bɛbɛyɛɛ agyidifoɔ he mu pii kaa bɛ bɔne ne bɛ nneyɔeɛ kyerɛeɛ pefee. 19 Na bɛ a bedi asumansɛm he mu pii de bɛ nwoma ba bɛhye ma biaa huiɛ. Na bebuu ne nyinaa ano huu sɛ ne boɔ yɛ nnwetɛbena apem aduonum. 20 Saa ara ne Awurade asɛm nam ahoɔdene so kɔɔ so trɛeɛ, na aseɛ timiiɛ. 21 Afei bewiee yeinom he, Paulo bɔɔ ne tim pɔ sɛ, sɛ ɔkɔfa Makedonia ne Akaia wie a, ɔbɛkɔ Yerusalem, na ɔkaa sɛ: “Sɛ meduru hɔ a, otwa sɛ mekɔ Roma nso.” 22 Nti ɔsomaa n’aboɔfoɔ he mu mmienu, Timoteo ne Erasto, kɔɔ Makedonia, na ɔno ankasa deɛ, ɔtenaa Asia mantam he mu kyɛree kakra. Demetrio sakasakayɔ 23 Saa bere no sakasaka kɛseɛ bi sɔreeɛ a na ɔfa gyidie Kwane He ho. 24 Na dwetɛ dwumfoɔ bi a bɛfrɛ no Demetrio, nam Artemi abosom-adane a ɔde dwetɛ yɔ he so ma adwumfoɔ he nya mfasoɔ kɛseɛ; 25 na ɔboaboaa bɛ a bɛyɔ nnoɔma a ɔtete saa ho adwuma he ano kaa sɛ: “Mmeema, honim yie sɛ adwuma yi ne ma yenya yɛ ho. 26 Afei nso, hoahu na hoate sɛnea ɔnyɛ Efeso nko na Paulo yi adane nnipakuo pii adwene ama bɛanya adwene foforɔ, na mmom ɔkame ayɛ sɛ Asia mantam mu nyinaa, na ɔka sɛ nea bɛde nsa ayɔ he nyɛ anyame. 27 Bio nso, ɔnyɛ yɛ adwuma a obenya dimmɔne he nkoaa ne asɛm he, na mmom bebebu bosombaa kɛseɛ Artemi asɔrefie nso adehunu, na n’animuonyam a Asia mantam ne asaase sɔfoɔ nyinaa de som no mpo, bɛbrɛ ase.” 28 Berɛ a nkurofoɔ he tee yei he, bɛ bo fuiɛ. Na bɛteateaam sɛ: “Efesofoɔ bosom Artemi yɛ kɛseɛ!” 29 Nti kurom hɔ nyinaa bɛyɛɛ gyegyeegye, na bɛ nyinaa de koma koro bɔɔ twi kɔɔ adehwɛbea hɔ, na bɛkyee Gaio ne Aristarko a bɛyɛ Makedoniafoɔ ne Paulo akwantuo mu ahokafoɔ he. 30 Paulo deɛ, na ɔpɛ sɛ ɔkɔ nnipa he mu, nso asuafoɔ he amma no kwane. 31 Mpanyimfoɔ a bɛhwɛ afahyɛ ne agodie so he mu binom mpo a na bɛpɛ n’asɛm he soma bɛsrɛɛ no sɛ ɔmmfa ne ho nto asiane mu nkɔ adehwɛbea hɔ. 32 Nɔkwasɛm ne sɛ, sɛ binom teaam ka asɛm baako a, na afoforɔ nso aka asɛm foforɔ, na badwa he mu ayɛ bagyabagya, na bɛ mu dodoɔ heaa nnim nea nti a bɛabehyiam. 33 Nti bɛde Aleksandro firi nnipakuo he mu baeɛ, na Yudafoɔ he twee no baa anim, na Aleksandro nyam ne nsa pɛɛ sɛ oyi n’ano kyerɛ nkurofoɔ he. 34 Nso berɛ a behuu sɛ ɔyɛ Yudani he, bɛ nyinaa de nne koro teateaam bɛyɛ sɛ nnɔnhwere mmienu sɛ: “Efesofoɔ bosom Artemi yɛ kɛseɛ!” 35 Afei kuro he twerɛfoɔ maa nnipa he yɛɛ komm, na ɔkaa sɛ: “Efeso mmeema, nipa hwane ne onnim sɛ Efesofoɔ kuro ne hwɛ Artemi kɛseɛ he ne honyini a ɔte firi soro baeɛ he asɔredane so? 36 Hedeɛ esiane sɛ bi ntumi nnye yeinom ho akyinnye nti, ɔfata sɛ hoyɛ komm na homfa ahoperɛ nyɔ bibiaa. 37 Efiri sɛ mmeema a hode bɛ aba yi nwiaa asɔredane mu nnoɔma, na bɛnkasa ntiaa yɛ bosombaa he. 38 Nti sɛ Demetrio ne adwumfoɔ a bɛka ne ho he wɔ bi ho asɛm a, nna a bedi asɛm ya hɔ, na amradofoɔ nso ya hɔ; sɛ bi wɔ asɛm tia ne yɔnko a, ɔmfa nkɔ ma badwa he. 39 Nso sɛ hoohwehwɛ bibi a ɔsene saa a, badwa a ɔya hɔ he ne ɔsɛ sɛ osi ho gyinaeɛ. 40 Na sɛ anhwɛ a, nea asi nnɛ yi bɛma bɛabɔ yɛ soboɔ sɛ yɛyɛ amammɔfoɔ, efiri sɛ yenni asɛm biaa bɛde bɛkyerɛkyerɛ basabasayɔ yi ase.” 41 Na ɔkaa yei he, ɔmaa badwa he tuiɛ. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana