Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Asomafoɔ 18 - Apam Foforɔ


Paulo kɔɔ Korinto

1 Yei akyi he, Paulo firii Atene kɔɔ Korinto.

2 Na ohuu Yudani bi a bɛfrɛ no Akwila, Pontoni bi a na ofiri Italia aba ne nkyɛne, ne ne yerɛ Priskila, efiri sɛ na Klaudio ahyɛ sɛ Yudafoɔ nyinaa mfiri Roma. Nti ɔkɔɔ bɛ nkyɛne.

3 Na esiane sɛ na ɔne bɛ yɔ adwuma korɔ nti, ɔtenaa bɛ fie yɔɔ adwuma, efiri sɛ na bɛyɛ ntomadanyɔfoɔ.

4 Nso, homeda biaa, na ɔka asɛm hyiadane mu ma Yudafoɔ ne Helafoɔ gye di.

5 Afei berɛ a Silas ne Timoteo nyinaa firii Makedonia beduruiɛ he, Paulo de ne berɛ nyinaa pae mu kaa asɛm he, na odii Yudafoɔ adanseɛ kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.

6 Berɛ a bɛ ne no dii asie na bɛkasa tiaa no he, ɔporoporoo ne ntaadeɛ mu mfuturo kaa sɛ, “Ho mogyaa mua hoaa ho atifi. Me deɛ menni ho fɔ. Ofiri nnɛ ɔɔkɔ yi meekɔ amanamane mufoɔ hɔ.”

7 Afei ofirii hyiadane mu hɔ, na ɔkɔɔ beema bi a bɛfrɛ no Tito Yusto a ɔyɛ Nyankopɔn somfoɔ fie. Na ne fie he ya hyiadane he nkyɛne pɛɛ.

8 Krispo a na ɔyɛ hyiadane he mu panyini ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Awurade diiɛ. Na Korintofoɔ he a betie Paulo he nso gye diiɛ na bɛbɔɔ bɛ asu.

9 Da koro anadwo bi, Awurade kaa no anisoadehunu mu kyerɛɛ Paulo sɛ, “Nsuro, kasa na mmua w’ano,

10 efiri sɛ, meka wo ho, na biaa ntumi mfa ne nsa nka wo nyɔ wo bɔne biaa, na mewɔ nnipa pii ya kuro yi mu.”

11 Ɔtenaa hɔ afe ne bosome nsia kyerɛkyerɛɛ bɛ Nyankopɔn asɛm.

12 Afei berɛ a Galio yɛ Akaia amrado he, Yudafoɔ he yɛɛ baako sɔre tiaa Paulo de no kɔɔ atemmuo adwa he anim

13 kɔkaa sɛ, “Saa nipa yi dane nkurofoɔ adwene ma bɛfa kwane foforɔ a ɔne mmara he bɔ abira so som Nyankopɔn.”

14 Paulo yɛɛ sɛ ɔɔbɛkasa heaa, na Galio ka kyerɛɛ Yudafoɔ he sɛ, “Yudafoɔ, sɛ asɛm yi yɛ bɔne anaa ammumuyɔdeɛ bi a, nka mɛgye ho asɛm he atum.

15 Na mmom sɛ ɔyɛ nsɛm ne dini ne ho mmara ho akyinnyegyeɛ deɛ a, hedeɛ ho ankasa honhwɛ nka. Mempɛ sɛ mɛyɛ nsɛm yi ho temufoɔ.”

16 Na ɔpamoo bɛ firii atemmuo adwa he anim.

17 Nti bɛ nyinaa to hyɛɛ Sostene a ɔyɛ hyiadane mu panyini he so firii aseɛ hwee no atemmuo adwa he anim. Nso Galio anyɛ yeinom ho hwee.


Paulo sane kɔɔ Antiokia

18 Nso berɛ a Paulo dii nna kakra kaa ho hɔ he, ɔne agyidifoɔ he dii nkra na ɔde po so hyɛne firii hɔ kɔɔ Siria a na Priskila ne Akwila ka ne ho, na ɔbɔɔ ti kwa ya Kenkrea, efiri sɛ, na berɛ a ɔde asi hɔ sɛ ootua ne ho nnoɔma bi he aba awieeɛ.

19 Na beduruu Efeso he, ogyaa bɛ hɔ; na ɔno deɛ ɔkɔɔ hyiadane mu ne Yudafoɔ he kɔyɔɔ nsɛm bi ho mpɛnsɛmpɛnsɛmu.

20 Na bɛsrɛɛ no sɛ ɔntena hɔ nkyɛre, nso wannye antom,

21 na ɔne bɛ dii nkra ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ɔyɛ Nyankopɔn pɛ a, mɛba ho nkyɛne bio.” Yei akyi he ofiri Efeso faa po so kɔeɛ.

22 Na oduruu Kaesarea he, ɔkɔɔ Yerusalem kɔkyeaa asafo he. Na afei ɔkɔɔ Antiokia.

23 Berɛ a ɔtenaa hɔ kakra he, ofirii hɔ tutuu akwane faa Galatia ne Frigia nsaase so hyehyɛɛ asuafoɔ he nyinaa dene.


Apolo kɔɔ Efeso ne Korinto

24 Afei Yudani bi a bɛfrɛ no Apolo a ofiri Aleksandria, baa Efeso. Na Apolo yɛ bi a n’ano ate na onim twerɛsɛm mu paa nso.

25 Na bɛakyerɛkyerɛ no Awurade kwane so, na esiane sɛ na Honhom ahyɛ no ma nti, ɔkaa Yesu ho asɛm kyerɛkyerɛɛ mu pɛpɛɛpɛ, nso na Yohane asubɔ he nkoaa ne onim.

26 Na ɔhyɛɛ aseɛ sɛ ɔde akokoɔduro ɔɔkasa hyiadane he mu, nso berɛ a Priskila ne Akwila tiee no he, bɛfaa no kɔɔ nkyɛne baabi kyerɛkyerɛɛ no Nyankopɔn kwane he mu pɛpɛɛpɛ.

27 Afei esiane sɛ na ɔpɛ sɛ otware kɔ Akaia nti, agyidifoɔ he hyɛɛ ne nkurane, na bɛtwerɛɛ krataa kɔmaa asuafoɔ he srɛɛ bɛ sɛ bɛnnye no fɛ so. Nti berɛ a oduruu hɔ he, ɔboaa bɛ a bɛnam Nyankopɔn adom so agye adi he paa,

28 ɔde nnamyɛ daa no adi pefee badwam sɛ Yudafoɔ he afom kwane, na ɔde Twerɛsɛm he kyerɛɛ sɛ Yesu ne Kristo he.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ