Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

Asomafoɔ 12 - Apam Foforɔ


Bɛde Petro too afiase

1 Saa berɛ he a mu ne hene Herode tuu n’ani sii nnipa a bɛya asafo he mu binom so dii bɛ ani.

2 Ɔmaa bɛde sekane kuu Yohane nua Yakobo.

3 Na ohuu sɛ nea wayɔ he asɔ Yudafoɔ he ani he, ɔkɔkyee Petro nso. (Na saa bere he yɛ bere a bedi paanoo a mmɔreka nnim.)

4 Na ne nsa kaa no he, ɔde no too afiase de no hyɛɛ akuo nnan a asraafoɔ nnan ya mu biaa mu nsa sɛ bɛnwɛne no nnidisoɔ nnidisoɔ, a na wayɛ n’adwene sɛ, Twam Afahyɛ he akyi he, ɔde no bɛma nkurofoɔ he.

5 Berɛ a Petro da afiase he, asafo he bɔɔ mpaeɛ aniberɛ so kyerɛɛ Nyankopɔn maa no.

6 Saa anadwo heaa a Herode de Petro ɔɔbɛma nkurofoɔ he, na Petro da asraafoɔ mmienu ntam a nkɔnsɔnkɔnsɔn mmienu gu ne nsa, na awɛmfoɔ ya pono he ano ɔɔbɔ deduafie he ho bane.

7 Mpofiremuaa Awurade bɔfoɔ yii ne ho adi na hann bi hyerɛnn afiase dane he mu. Ɔbɔɔ Petro nkyɛne mu nyanee no kaa sɛ, “Sɔre ntɛm.” Na ne nkɔnsɔnkɔnsɔn he firii ne nsa guu fam.

8 Bɔfoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Bɔ w’abɔsoɔ na hyɛ wo mpaboa.” Na Petro yɔɔ saa. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo ntoma he kyekyere wo ho na di m’akyi.”

9 Petro pie dii n’akyi, na wanhu sɛ nea na bɔfoɔ he ɔɔboa no ama no ayɔ he yɛ asɛm paa, na ɔdwene sɛ ɔyɛ anisoadehunu.

10 Na betwaam awɛmfoɔ agyinaeɛ a odi kane ne nea ɔtɔ so mmienu koduruu dadeɛ pono a ɔkɔ kuro he mu he ano he, ɔno ankasa biee maa bɛ. Na bepieeɛ he, bekosii tenpono baako so, na hɔaa bɔfoɔ he gyaa no hɔ kɔeɛ.

11 Na Petro ani baa ne ho so he, ɔkaa sɛ, “Afei ne mahu sɛ Awurade ankasa ne somaa ne bɔfoɔ beyii me firii Herode nsam ne nea na Yudafoɔ he ani da so sɛ bɛde bɛyɔ me nyinaa mu.”


Asafo he anigyeɛ

12 Na ohuu yei he, ntɛmaa ɔkɔɔ Yohane a na ɔsane de Marko he maame Maria fie. Na nnipa pii ahyia hɔ ɔɔbɔ mpaeɛ.

13 Bere a ɔbɔɔ abɔntene pono he mu he, abaawa bi a bɛfrɛ no Rode baeɛ.

14 Na ɔtee Petro nne he, anigyeɛ nti, wammie pono he na mmom otuu mmirika kɔbɔɔ amaneɛ sɛ Petro gyina pono he akyi.

15 Bɛka kyerɛɛ no sɛ, “W’adwene mu ka wo!” Nso ɔkɔɔ so kaa sɛ asɛm he yɛ nɔkorɛ. Na bɛkaa sɛ, “ɔyɛ Petro samane.”

16 Afei Petro kɔɔ soaa bɔɔ pono he mu, na bebiee no. Behuu no he, bɛ ho dwirii bɛ.

17 Na ɔde ne nsa yɔɔ nsɛnkyerɛnee kyerɛɛ bɛ sɛ bɛnyɛ dinn. Na ɔkyerɛɛ bɛ kwane a Awurade nam so yii no firii afiase hɔ. Na ɔkaa bio nso sɛ, “Honkɔka yei nkyerɛ Yakobo ne agyidifoɔ he.” Na ofirii hɔ kɔɔ baabi foforɔ.

18 Adeɛ kyeeɛ he, nea na asi fa Petro ho he nti, asraafoɔ he ani so yɛɛ krakrakrakra.

19 Berɛ a Herode hwehwɛeɛ na wanhu Petro he, obisabisa awɛmfoɔ he nea osiiɛ, na ɔhyɛɛ sɛ bɛmfa bɛ nkɔku bɛ. Na Herode firii Yudea kɔɔ Kaesarea kodii nna kakra ya hɔ.


Herode wuo a oo’hu

20 Afei nso Herode ani beree Tirofoɔ ne Sidonfoɔ so. Nti bɛyɛɛ anokorɔ baa ne nkyɛne, na berɛ a bɛmaa Blasto a ɔhwɛ hene daberɛ so tee bɛ aseɛ he, befirii aseɛ srɛɛ hwehwɛɛ asomdwie, efiri sɛ na hene he asaase so na mane he nya bɛ aduane.

21 Na da a bɛahyɛ he duriiɛ he, Herode de ahentaadeɛ hyehyɛɛ ne ho, na ɔtenaa atemmuo adwa so firi aseɛ kasa kyerɛɛ bɛ.

22 Nkurofoɔ a bɛahyiam he nso firii aseɛ teateaam sɛ, “Ɔnyɛ nipa nne di, na mmom ɔyɛ nyame bi nne!”

23 Hɔaa ne Awurade bɔfoɔ bɔɔ no, efiri sɛ wamfa animuonyam amma Nyankopɔn, na ɔdɔree mmoa wuiɛ.


Barnaba ne Saulo sane baa Antiokia

24 Nso Awurade asɛm nyaa nkɔsoɔ na ɔtrɛɛe.

25 Na Barnaba ne Saulo wiee bɛ dwumadie he, bɛsane baa Yerusalem bɛfaa Yohane a bɛfrɛ no Marko he kaa bɛ ho sane baeɛ.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ