Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -

2 Petro 3 - Apam Foforɔ


Awurade mmaeɛ ho bɔhyɛ

1 Adɔfonom, yei ne krataa a ɔtɔ so mmienu a matwerɛ abra ho. Metwerɛɛ ne mmienu nyinaa sɛ mede ɔɔbɛkae ho, de akanyane ho adwene,

2 na hoakae nsɛm a adiyifoɔ kronkron he kaeɛ mmerɛ bi a atwam he ne mmara a efiri Awurade ne Agyenkwa a bɛde faa ho asomafoɔ so maa ho he.

3 Nea odi kane he, ɔsɛ sɛ hote aseɛ sɛ, nna a odi akyire he mu he, afedifoɔ a bedi bɛaa bɛ honam akɔnnɔ akyi de fɛwdie bɛba,

4 abɛka sɛ, “Ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔbɛba. Wanka saa? Na afei ɔya he? Yɛ nananom awuwu dadaada, nso bibiaa te sɛ nea ɔte firii adebɔ mfitiaseɛ!”

5 Bɛboapa bu bɛ ani gu nɔkorɛ he so, ɔne sɛ, ofiri tete na Nyankopɔn kasaeɛ na bɛbɔɔ soro ne asaase, bɛbɔɔ asaase firi nsuo mu na bɛde nsuo ne yɔeɛ

6 na bɛde nsuhyiri nso ne sɛee kane wiase he.

7 Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.

8 Na, adɔfonom, hommma ho ani mpa nɔkwasɛm yi so sɛ, Awurade ani so he, da koro te sɛ mfie apem, na mfie apem nso te sɛ da koro.

9 Awurade ntwentwɛne ne nane ase ne bɔ a wahyɛ ho sɛnea binom dwene he. Na nea ɔteɛ ne sɛ, ɔwɔ ho ho boasetɔ, efiri sɛ, ɔmpɛ sɛ biaa bɛyera, na mmom ɔpɛ sɛ biaa nya adwensakra.

10 Na Awurade da he bɛba mpofirem te sɛ korɔmfoɔ ɔɔba he. Saa da he, soro bɛbobom dendene na ayera, na wiem nnoɔma bɛhye na asɛe, na bɛapa asaase ne so nnwuma nyinaa nso ho ntoma.

11 Sɛ saa kwane yi so ne bɛbɛfa asɛe ade nyinaa deɛ a, hedeɛ abɛ nnipa ne ɔsɛ sɛ hoyɛ ya abrabɔ kronkron ne nyamesom pa mu,

12 berɛ a hootwɛne na hoopɛ sɛ Nyankopɔn da he ba ntɛm yi? Ɔno mu ne soro bɛsɔ gya asɛe, na wiem mfitiasedeɛ anane ahye.

13 Nso sɛnea ne bɔhyɛ teɛ he, yɛɛtwɛne soro foforɔ ne asaase foforɔ a tenenee ahyɛ mu ma he.


Afotuo a odi akyire ne awieeɛ

14 Nti, adɔfonom, hogu so ɔɔtwɛne da he yi, hommɔ mmɔdene sɛ hobɛyɛ nnipa kronkron a mfomsoɔ biaa nni ho ho ya Nyankopɔn anim na ho ne no atena asomdwie mu.

15 Na honkae sɛ Awurade boasetɔ he kyerɛ nkwagyeɛ te sɛ nea yɛ nua Paulo nam nyansa a Nyankopɔn de maa no he so twerɛɛ ho he,

16 sɛdeɛ ɔfa so twerɛ ne nkrataa nyinaa he, na saa nsɛm yiaa so nso ne ogyina twerɛeɛ. Nsɛm bi a mu ɔdene ya ne nkrataa he mu a bɛ a bensuaa adeɛ na bɛ ase ntimiiɛ ntumi nkyerɛ aseɛ yie, sɛnea Twerɛsɛm a aka he nso bɛnkyerɛ aseɛ yie ma ɔde sɛeɛ bra bɛ he.

17 Nso, adɔfonom, ho deɛ honim yei dada. Honhwɛ ho ho so yie, na bɛ a benni mmara so annaadaa ho ama hoamfiri ho tim a hoatim he mu anhwe ase.

18 Na honyini ya yɛ Awurade ne Agyenkwa Yesu Kristo adom ne nimdeɛ mu. Ɔno ne animuonyam nka no seesei ne daa. Amen.

Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021

Bible Society of Ghana
ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:



ကြော်ငြာတွေ