1 Petro 3 - Apam FoforɔYerenom ne Kununom 1 Saa nso ne ho, ayerenom, ɔsɛ sɛ hobrɛ ho ho ase ma ho kununom sɛnea ɔbɛyɛ a sɛ bɛ mu bi nnye asɛm he nni a, ho subane pa he bɛtwetwe no ama no agye asɛm he adi, 2 sɛ bebehu bɛbɛhwɛ ho abrabɔ a hoobɔ no tenenee ne nyamesuro mu he. 3 Hommma ho ahoɔfɛ nyɛ nnipa ani so deɛ te sɛ ti a hoayɔ no kyɛnkyerɛnn, anaa sika kaawa a hohyɛ anaa ntoma papa a hofira, 4 na mmom homma ɔnyɛ akoma a hode dwoɔ ne honhom a ɔyɛ dinn asiesie no. Ɔno ne sɔ Nyankopɔn ani. 5 Saa kwane yi so ne mmaa agyidifoɔ a bɛtenaa ase tete he a na bɛwɔ anidasoɔ Nyankopɔn mu he nam brɛɛ bɛ ho ase maa bɛ kununom, de kyerɛɛ bɛ ahoɔfɛ. 6 Sara yɔɔ saa. Ɔyɔɔ setie maa Abraham, na ɔfrɛɛ no “Me wura.” Sɛ hoyɔ papa na hommma bibiaa mmɔ ho hu a, hedeɛ na seesei hoyɛ ne mmamaa. 7 Saa ne ho, kununom nso, ɔsɛ sɛ hodwene ho yerɛnom ho ya ho asetena mu. Homfa anidie mma bɛ, na honhu sɛ bɛyɛ mmerɛ kyɛne ho, na afei nso honhu sɛ bɛne ho yɛ adedifoɔ, na bibi ansi ho mpaebɔ kwane. 8 N’awieeɛ ne sɛ, ho nyinaa hontena ase asomdwie mu. Honnya tema mma ho ho ho ho. Honnodɔ ho ho ho ho, na honyɛ ahummɔborɔ, na hommrɛ ho ho ase. 9 Hommfa bɔne ntua bɔne so ka, na hommfa yea nso ntua yea so ka. Na mmom daa, honhyirahyira, efiri sɛ, ɔno ne bɛma ho anya nhyira. 10 Na deɛ ɔdɔ nkwa na ɔpɛ sɛ ohu nna pa he, ma no nyi ne kɛtrɛma mfiri bɔne mu, ne n’ano na anka nnaadaasɛm. 11 Ma no nkyiri bɔne na ɔnyɔ papa, ma no nhwehwɛ asomdwie na onni akyire. 12 Efiri sɛ Awurade ani ya bɛ a bɛtene so, na n’aso abie ama bɛ mpaebɔ, na bɛ a bɛyɔ bɔne deɛ, Awurade ani kyiri bɛ. 13 Sɛ wobɔ tenenee ho mmɔdene a, hwane ne betumi aha ho? 14 Na sɛ tenenee nti hohu amane mpo a, hoyɛ nhyira. Honnsuro nnipa, na hommma hwee nnha ho. 15 Na mmom homfa anidie mma Kristo sɛ Awurade na honsom no ho akoma. Honsiesie ho ho sɛ, berɛ biaa a bi bebisa gyidi a howɔ ya ho mu he ho asɛm he, hobɛkyerɛ no aseɛ 16 dwoɔ ne anidie kwane so. Honkura ahonim pa mu na bɛ a bɛka ho Kristo mu abrabɔ pa ho nsɛmmɔne he ani awu asɛm a bɛka tia ho he ho. 17 Na sɛ hohu amane papa ho na sɛ ɔyɛ Nyankopɔn pɛ sɛ ɔba saa a, ɔyɛ sene sɛ hohu amane ɔnam bɔne a hoayɔ nti. 18 Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ, 19 na ɔkɔkaa Asɛmpa he kyerɛɛ ahonhom a bɛdeda afiase 20 a tete he bɛyɛɛ asoɔdenfoɔ, berɛ a Nyankopɔn abodwokyɛre twɛneeɛ, Noa nna a bɛɛyɔ adaka he mu. Yei mu ne akra kakraa bi a bɛyɛ nwɔtwe nyaa nkwa nsuo no mu. 21 Ɔno na afei ne nsɛso a ɔno ne asubɔ he, gye ho nso nkwa, a ɔnyɛ honam ho fi yi mu, na mmom ɔyɛ ahonim pa ho adebisa a Yesu Kristo wusɔreɛ nti yɛnam so yɛ Nyankopɔn deɛ. 22 Saa Yesu yi ne kɔɔ soro na ɔte Nyankopɔn nifa, na bɛde abɔfoɔ ne bɛ a tumidie ahyɛ n’ase. |
Bono New Testament © The Bible Society of Ghana, 2021
Bible Society of Ghana