8 Saa nnipa he nam saa kwane korɔ heaa so sosoo daeɛ ma bɛyɔɔ bɔne tiaa bɛ nipadua. Bemmu tumidie, na bɛkasa tiaa animuonyamfoɔ.
Na ɔba a, obehu sɛ bɛaprapra mu kama de nnoɔma asiesie mu.
Na sɛ bɛde ho kɔ hyia adane mu, mpanyimfoɔ ne atumfoɔ anim a, honnwennwene nea hode beyi ho ho ano anaa nea hobɛka ho;
Nso na ne manfoɔ he tane no na betuu abɔfoɔ kɔkaa sɛ, ‘Yɛmpɛ sɛ beema yi di yɛ so hene.’
Na Paulo kaa sɛ, “Anuanom, na mennim sɛ ɔyɛ sɔfo panyini. Na bɛatwerɛ sɛ, ‘Nka wo mane sodifoɔ ho asɛmmɔne.’ ”
Na nea ɔɔyɔ ne yɔnko bɔne he summ no kaa sɛ, “Hwane ne yii wo sɛ yɛ sodifoɔ ne temufoɔ?”
Yɛ nananom anyɛ setie ama no, na mmom bɛpoo no, na bebenya a na nka bɛ ya Misraim,
Sɛ bi sɛe Nyankopɔn asɔredane a, Nyankopɔn bɛsɛe saa nipa he nso, efiri sɛ Nyankopɔn asɔredane yɛ kronkron, na hoaa ne saa asɔredane he.
Nti nea ɔpo yei he mpo nnipa, na mmom ɔpo Nyankopɔn a ɔde ne Honhom Kronkron ama ho he.
nnwamamfoɔ, mmeema a bɛ ne mmeema da, nnipatɔnfoɔ, atorɔfoɔ, ntantofoɔ ɔne bibiaa a ɔne nkyerɛkyerɛ pa bɔ abira biaa.
Homfa buo ne ahobrɛaseɛ ma ho mpayimfoɔ, efiri sɛ bɛwɛne ho kra sɛ bɛ a bebu ho akonta. Homma bɛmfa anigye nyɔ na ɔnyɛ ahomeguo so, sɛ bɛde ahomeguo a, ɔnyɛ mfasoɔ biaa mma ho.
Homfa anidie mma nnipa nyinaa. Honnɔ anuanom agyidifoɔ. Honsuro Nyankopɔn, na homfa anidie mma hempɔno.