5 Ɔyɛ nɔkorɛ sɛ honim yei dada, nso mepɛ sɛ mekae ho adwene fa gyeɛ a Awurade gyee Israelfoɔ firii Misraim asaase so prɛko na akyire yi he, ɔsɛee bɛ a bɛannye asɛm he anni he.
Nso ne nyinaa mu he, deɛ ntia meetwerɛ ho penpen ya nsɛm yi bi ho, te sɛ deɛ mede ɔɔkae ho bio he ne adom a Nyankopɔn de adom me
Na hefoɔ ne bɛtee asɛm he nso bɛhyɛɛ no abufuo he? Ɔnyɛ bɛ a Mose dii bɛ anim de bɛfirii Misraim he nyinaa?
Adɔfonom, yei ne krataa a ɔtɔ so mmienu a matwerɛ abra ho. Metwerɛɛ ne mmienu nyinaa sɛ mede ɔɔbɛkae ho, de akanyane ho adwene,
Na ho deɛ, hoanya ngosra firi Kronkronni he hɔ, nti ho nyinaa howɔ nimdeɛ.
Ɔnyɛ sɛ honnim nɔkorɛ he nti ne meetwerɛ saa krataa yi, na mmom honim, na honim nso sɛ, torɔ biaa mfiri nɔkorɛ mu mma.