Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yuda 1:4 - Apam Foforɔ

4 Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yuda 1:4
32 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na berɛ a nnipa daeɛ he, tamfoɔ bi ba beguu wuraa fraa ayuo he mu, na ɔkɔeɛ.


Na yei ne daa nkwa sɛ bebehu wo, wo a aoyɛ Nyankopɔn kann koro he, ne Yesu Kristo nea wasoma no he.


Berɛ a oduruu hɔ na ohuu Nyankopɔn adom he, odii ahurusie na ofiri aseɛ hyɛɛ bɛ nyinaa nkurane sɛ bɛnkɔ so mfa akoma a onhinhim ntena Awurade mu daa.


Esiane sɛ yɛate sɛ yɛ mu bi de nsɛm ɔɔteetee ho pɛ sɛ bɛsɛeɛ ho adwene berɛ a yɛmmaa bɛ akwankyerɛ biaa nti,


Nso ɔnam sɛ na anuanom atorɔfoɔ bi awiawia bɛ ho aba yɛ mu sɛ bɛbɛtetɛ yɛ ahwɛ ahofadie a yɛwɔ no Kristo Yesu mu, sɛnea ɔbɛyɛ a bɛde yɛ bɛkɔ Mmara nkoasom mu nti


Na adehyedie mu ne bɛafrɛ ho aba, me nuanom; homma ahofadie he nyɛ akwannya mma honnyɔ bɔne, na mmom ho mfa dɔ so nyɛ nkoa ma ho ho,


sɛ ɔbɛyɛ a yɛnkɔ so nyɛ te sɛ mmɔfra a bedi akɔneaba, na nkyerɛkyerɛ biaa, te sɛ mframa a ɔnam nnipa mmradɛtoɔ so, ne torɔ ne nnaadaa akwane so, woso bɛ.


Na sɛ bi anhwɛ ɔnoaa ankasa n’abusuafoɔ, ne titire ne fiefoɔ a, waapa gyidie he, na deɛ ɔnnye nni mpo yɛ kyɛne no.


sɛ yegyina pintinn a, yɛ ne no bedi hene nso; sɛ yɛpo no a ɔno nso bɛpo yɛ;


Na yeinom mu bi ne bɛ a bɛkɔ afie mu na bɛfa mmaa adwenemharefoɔ na bɔne ahyɛ bɛ ma, na akɔnnɔ ahodoɔ afa bɛ nommum,


Hontena ase sɛ nnipa a bɛde bɛ ho, na bɛmfa bɛ ahofadie he nyɔ bɔne biaa nso. Na hontena ase sɛ Nyankopɔn nkoa.


ne sintiboɔ ne sintiduatoɔ botane ama bɛ. Bɛne besonti, efiri sɛ bɛanyɛ setie amma asɛm he. Ɔno nti na beyii bɛ maeɛ.


Na sɛ, “ɔdene sɛ bɛbɛgye nipa pa nkwa a, hedeɛ bɛ a bɛnnye asɛm he nni ne nnebɔnyɛfoɔ he deɛ, mmɛ ne bɛba bɛ so?”


ne titire he, bɛ a bedi bɛ honam akɔnnɔ akyi na bebu Nyankopɔn tumi he animtia. Saa atorɔ akyerɛkyerɛfoɔ yi yɛ aniɔdenfoɔ ne ahopɛfoɔ, bensuro sɛ bɛbɛkasa atia animuonyamfoɔ henom.


na ɔgyee Lot a ɔyɛ teneneeni he firii nnipa nnebɔnyɛfoɔ bɛde akohwibra haa no he nsam


Nso soro ne asaase a ɔya hɔ seesei yi deɛ, bɛnam Nyankopɔn asɛm heaa so ɔɔkora ama gya asɛe no. Bɛɛkora ama da a bebebu nnebɔnyɛfoɔ atɛne na bɛasɛe bɛ he.


Afei, hwane ne torɔfoɔ he? Torɔfoɔ he ne nea ɔka sɛ Yesu nyɛ Kristo he. Ɔno ne Kristo-kotiafoɔ he. Saa nipa he ne nea ɔpo Agya he ne Ba he nyinaa.


na bɛabebu ho nyinaa atɛne na bɛabu nnebɔnyɛfoɔ nyinaa atɛne bɛ bɔne a bɛayɔ ne nsɛm a ano ɔdene a bɛaka atia Nyankopɔn he ho.”


bɛkaa sɛ, “Sɛ awieeɛ he duru a, fɛwdifoɔ bɛba a, bebedi bɛaa bɛ amumuyɔ akɔnnɔ akyi.”


Awurade, hwane na oonsuro wo na ɔɔnhyɛ wo dini animuonyam? Efiri sɛ wo nkoaa ne woyɛ kronkron, na amane nyinaa bɛba abɛkoto w’anim, efiri sɛ w’atɛne tenenee ada adi.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ