Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yuda 1:24 - Apam Foforɔ

24 Na nea obetumi asɔ ho mu na hoansonti, na ɔde ho asi n’animuonyam anim sɛ nnipa a benni dɛm ahosane mu he,

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yuda 1:24
28 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Na Nipa Ba he de n’abɔfoɔ bɛba n’Agya animuonyam mu, na obetua nipa biaa ka sɛdeɛ n’adwuma teɛ.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ Nipa Ba he tena n’animuonyam adwa so a, na nnoɔma nyinaa yɛ foforɔ a, ho a hoadi m’akyi yi nso ho bɛtena ahennwa dummienu so, abu Israel mmusuakuo dummienu he atɛne.


“Sɛ Nipa Ba he ba n’animuonyam mu a, na abɔfoɔ nyinaa ka ne ho a, ɔbɛtena n’animuonyam adwa so.


Homma ho ani nnye, efiri sɛ howɔ akatua kɛseɛ ya soro, na saa ne bɛtane adiyifoɔ a bedii ho anim kane he.


Na biaa a ɔbɛma n’ani awu me ne m’asɛm ho he, ɔno nso ho bɛyɛ nipa Ba he aniwuo berɛ a mede m’Agya animuonyam bɛba, a abɔfoɔ kronkron ka me ho he.


Wo ne hwane sɛ wobebu bi akoa atɛne? Ɔyɛ bɛ wura he ankasa ne bɛkyerɛ sɛ nea bɛayɔ he yɛ anaa ɔnyɛ; efiri sɛ nɔkorem he Awurade betumi ama bɛagyina


Hedeɛ mmɛ ne yɛbɛka afa yeinom ho? Sɛ Nyankopɔn ya yɛ afa a, hwane ne betumi ne yɛ adi asie?


Na ninkunu a metwe ya ho ho he, metwe no Nyankopɔn mu. Efiri sɛ maahyɛ bɔ sɛ mede ho bɛma agye beema baako awadeɛ, na mede ho ama Kristo sɛ babunu bi a fi nka no da.


efiri sɛ yenim sɛ deɛ ɔnyanee Awurade Yesu he benyane yɛ ne no nso, na ɔde yɛ ne ho aba n’anim.


Na saa amanehunu kakra yi a yɛɛfam yi, oosiesie yɛ ama daa animuonyam a ɔboro adeɛ nyinaa so a yentumi mfa seesei amanehunu yi ntoto ho koraa,


Afei nea ɔwɔ tumi a ɔyɔ adwuma yɛ mu a ɔboro so kyɛne so sɛnea yebisa anaa yesusu he,


na ɔde no asi hɔ ama ne ho animuonyam mu a dɛmdie, nkekaeɛ, anaa bibiaa a ɔte saa nni ne ho, na mmom ayɛ kronkron a onni dɛm biaa.


afei deɛ Kristo nam ne honam mu wuo so apata ho ne no ntam, na ama ɔde ho akɔ Nyankopɔn anim sɛ nnipa kronkron a dɛm ne asɛm biaa nni ho ho;


Ɔno ne yɛpae mu ka n’asɛm, na yɛbɔ kɔkɔ de nyansa kyerɛkyerɛ biaa, na yɛde ankorankorɛ biaa akɔ Nyankopɔn anim sɛ nipa a wawie pɛyɛ Kristo mu.


Sɛ Kristo a ɔyɛ yɛ nkwa he yi ne ho adi a, bebeyi ho ne no nso adi animuonyam mu.


Ampa, Awurade beyi me afiri bɔne nyinaa mu, na wagye me akɔ ne soro ahennie mu. Ɔno ne animuonyam nka no daadaa. Amen.


Na sɛ bi di mmara mũ he nyinaa so na ɔto baako a, waadi mmara he nyinaa ho fɔ,


Na mmom, homma ho ani nnye sɛ ho ne Kristo oohu amane sɛnea ho ani bɛgye na ho adi ahurusie da a n’animuonyam bɛda adi he.


Nti me nuanom, homfa mmɔdemmɔ nsi frɛ a bɛafrɛ ho ne yi a bɛayi ho he pi; na sɛ hoyɔ saa a, honnsonti da.


na honkɔ so ntena Nyankopɔn dɔ mu berɛ a hootwɛne yɛ Awurade Yesu Kristo mmɔborɔhunu mu ama wama ho nkwa a onni awieeɛ he.


Na bɛante torɔsɛm biaa amfiri bɛ anum; na dɛm biaa nni bɛ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ