Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yuda 1:11 - Apam Foforɔ

11 Mmusuo nka bɛ! Efiri sɛ, kwane a Kain faa so heaa so ne bɛnam, na mfasoɔ nti, bɛde bɛ ho ahyɛ mfomsoɔ a Bileam yɔeɛ he bi ase. Bɛayɔ dɔm sɛnea Kora yɔɔ dɔm he nam so ma bɛasɛe bɛ sɛ ɔno.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yuda 1:11
21 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

“Korasin due! Betsaida due! Efiri sɛ, sɛ bɛyɔɔ tumideɛ a bɛayɔ no ho mu he, bɛyɔɔ no Tiro ne Sidon a, nka bɛasakra bɛ adwene afira ayitoma de nso apete bɛ tim de akyerɛ bɛ adwensakra dadaada.


Gyidie ne Habel de bɔɔ afɔreɛ maa Nyankopɔn a na ɔsɔ ani kyɛnee Kain deɛ he. Ɔnam yei so maa bebuu Habel sɛ ɔtene, na Nyankopɔn dii n’afɔreɛ he ho adanseɛ. Ɔyam sɛ Habel awu deɛ, nso ɔnam ne gyidie he so da so kasa kyerɛ yɛ.


Bɛamane afiri kwane pa he so nti bɛayera. Bɛafa kwane a Beor ba Bileam a ɔpɛ ne mfasoɔ kwammɔne so,


Ɔnsɛ sɛ yɛyɔ sɛ Kain a na ɔyɛ Bronsam deɛ nti, okuu ɔno ankasa ne nua. Na ɛɛne nti ne Kain kuu no? Ɔyɔɔ saa efiri sɛ, ɔnoaa ne nnwuma a ɔyɔeɛ he, na ɔyɛ bɔne. Nso ne nua he deɛ, ɔyɔɔ deɛ ɔtene.


Nso nsɛm kakra a mewɔ tia wo ne sɛ, nnipa bi ya wo mu a bedi Bileam nkyerɛkyerɛ akyi. Saa Bileam he ne kyerɛɛ Balak ma ɔmaa Israelfoɔ dii abosom so nnuane, kyerɛɛ bɛ adwamammɔ, nam so ma bɛyɔɔ bɔne he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ