56 Ho agya Abraham dii ahurusie ɔnam anidasoɔ a onyaa sɛ obehu me nti, na ɔte sɛ deɛ ohuu me, nti n’ani gyeeɛ.”
Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, adiyifoɔ ne ateneneefoɔ bebree pɛɛ sɛ behu deɛ hoahu yi, nso bɛanhu, na bɛte deɛ hoate yi, nso bɛante.
Na meeka akyerɛ ho sɛ, adiyifoɔ ne ahemfo bebree pɛɛ sɛ behu nnoɔma a hohu yi nso bɛanhu, bɛpɛɛ sɛ bɛte nsɛm a hote yi nso bɛante.”
Yesu buaa sɛ, “Maka akyerɛ ho, na honnye nni. Nnwuma a meyɔ no m’Agya dini mu heaa di me ho adanseɛ;
Menim sɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, nso hopɛ sɛ hoku me, efiri sɛ m’asɛm nsene ho mu.
Bebuaa no sɛ, “Yɛ Agya ne Abraham.” Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ ho Agya ne Abraham a, nka hobɛyɔ nea Abraham yɔeɛ,
Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,
Nso yei nyinaa mu he, ɔyam sɛ bɛ gyidie nyaa adanse-pa deɛ, nso bɛ nsa anka bɔhyɛ he,