Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 8:52 - Apam Foforɔ

52 Yudafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wuiɛ, na adiyifoɔ he nso wuiɛ. Nso wo dɛ, ‘Biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.’

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 8:52
14 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na Yohane baeɛ, na onnidi, na ɔnnom nso, na bɛkaa sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne’;


Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”


Yesu buaa no sɛ, “Sɛ bi dɔ me a obedi m’asɛm so, na m’Agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛne na yɛ ne no abɛtena.


Honkae asɛm a maka akyerɛ ho yi, ‘Akoa nkyɛne ne wura.’ Sɛ bɛtane me a, bɛbɛtane ho nso, sɛ bedi me nsɛm so a, bebedi ho deɛ nso so.


“Maada wo dini adi akyerɛ bɛ a wode befiri wiase ama me he. Bɛyɛ wo deɛ ne wode bɛ ama me. Na bɛadi w’asɛm so.


Nnipa he buaa sɛ, “Wowɔ honhommɔne; hwane ne ɔɔhwehwɛ wo aku wo?”


Nti Yudafoɔ he kaa sɛ, “Oobeku ne ho anaa? Nti na ɔdɛ, ‘Baabi a meekɔ he, honntumi mma hɔ yi’?”


Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”


Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ ho sɛ, biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.”


nso honnim no. Na me deɛ menim no. Na sɛ meka sɛ mennim no a, na meyɛ torɔfoɔ te sɛ ho. Menim no na medi n’asɛm so.


Na bɛfrɛɛ nipa a na nka ɔyɛ nifirani he ne mprenu so ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa animuonyam ma Nyankopɔn! Yɛ deɛ, yenim sɛ nipa yi yɛ debɔnyɛni.”


Yeinom nyinaa wuu gyidie mu a bɛ nsa anka bɔhyɛ he, na mmom behuu no akyirikyiri gye tomm, kaa sɛ, bɛyɛ ahɔhoɔ ne amanfrafoɔ asaase yi so,


na mmom, yehu Yesu a, ne tebea baa fam kakra sene abɔfoɔ berɛ tiaa bi mu, na seesei deɛ bɛde animuonyam ne anidie abɔ no abotire he, efiri sɛ ohuu wuo mu amane, na ɔnam Nyankopɔn adom so awu ama nnipa nyinaa.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ