Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 8:44 - Apam Foforɔ

44 Hofiri ho agya bronsam hɔ, na hopɛ sɛ hoyɔ ho Agya he apɛdeɛ. Ɔyɛ wudini firi mfitiaseɛ, na wannyina nɔkorɛ he mu efiri sɛ nɔkorɛ nni ne mu. Sɛ odi torɔ a, ofiri ɔno ankasa ne mu ne ba, efiri sɛ ɔyɛ torɔfoɔ ne atorɔ agya.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 8:44
41 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Nankatia mma! Ɔbɛ yɛ dɛ na hoaka nsɛm pa, berɛ a hoyɛ abɔnefoɔ? Nea abu so akoma mu he ne ano ka.


Efiri sɛ mane he akoma apirim, na bɛ asom oduru sɛ bɛbɛte, na bɛakata bɛ ani; sɛ ɔbɛyɛ a bɛmfa bɛ ani mpo nhwɛ, na bɛmfa bɛ aso nso ntie, na bɛamfa bɛ akoma ante aseɛ ama bɛanane bɛ ho, na masa bɛ yadeɛ.’


afuo he ne wiase, na aba pa he ne ahennie he mma; wuraa he ne bɔnefoɔ he mma,


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


Sɛ bi pɛ sɛ ɔyɛ n’apɛdeɛ a, obehu sɛ nkyerɛkyerɛ he firi Nyankopɔn hɔ anaa m’ankasa ne mebɔ me tim kasa.


Nea mahu no Agya he nkyɛne ne meka, na ho deɛ honyɔ nea hoate firi Agya he nkyɛne.”


Hoyɔ nea ho agya yɔ ampa.” Na bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Bɛanwo yɛ adwamammɔ mu, yɛwɔ Agya baako, ɔno ne Nyankopɔn.”


nso honnim no. Na me deɛ menim no. Na sɛ meka sɛ mennim no a, na meyɛ torɔfoɔ te sɛ ho. Menim no na medi n’asɛm so.


kaa sɛ, “Wo, beema a asisie ahyɛ wo ma, Bronsam ba, a wotane tenenee nyinaa, wonnyae sɛ wokyea Awurade kwane a ɔtene he?


Yudafoɔ he nso de bɛ ho gyee mu bi sɛ, nsɛm yi te saa.


Petro bisaa sɛ, “Anania, ɛɛne nti ne Satan apirim w’akoma sɛ yi sika a wonyaeɛ firi asaase he tɔno he mu bi sie na bedi torɔ kyerɛ Honhom Kronkron?


Nso mesuro sɛ, ebia, sɛdeɛ wɔ he de n’aniteɛ bɛdaadaa Hawa he, saa ara nso ne bɛbɛdane ho adwene afiri Kristo mu ahofama mapa a owie pɛyɛ he.


Homma ho ani nna hɔ, na honwɛne, efiri sɛ, ho tamfoɔ bronsam he nam sɛ gyata a ɔɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.


Nyankopɔn amfa abɔfoɔ a bɛyɔɔ bɔne he ho ankyɛ bɛ. Ɔtoo beguu Asamando amanehunu bunu mu, guu bɛ nkɔnsɔnkɔnsɔn, na hɔ ne bɛɛtwɛne atemmuo da he.


Sɛ yɛka sɛ yenni bɔne a, na yɛdaadaa yɛ ho, na nɔkorɛ he nni yɛ mu.


Ɔnyɛ sɛ honnim nɔkorɛ he nti ne meetwerɛ saa krataa yi, na mmom honim, na honim nso sɛ, torɔ biaa mfiri nɔkorɛ mu mma.


Sɛ bi ka sɛ, “Menim no,” na nso onni ne mmara so a, saa nipa he yɛ torɔfoɔ a nɔkorɛ he nni ne mu.


Ɔnsɛ sɛ yɛyɔ sɛ Kain a na ɔyɛ Bronsam deɛ nti, okuu ɔno ankasa ne nua. Na ɛɛne nti ne Kain kuu no? Ɔyɔɔ saa efiri sɛ, ɔnoaa ne nnwuma a ɔyɔeɛ he, na ɔyɛ bɔne. Nso ne nua he deɛ, ɔyɔɔ deɛ ɔtene.


Nipa biaa a ɔtane ne nua he yɛ wudini, na honim nso sɛ wudini biaa nni daa nkwa ya ne mu.


Na abɔfoɔ a bɛtraa bɛ tumi, na begyaa bɛ atenaeɛ he, bɛde daa nkɔnsɔnkɔnsɔn agugu bɛ ya sum kabii mu a Nyankopɔn de bɛ asie ɔɔtwɛne da kɛseɛ he atemmuo.


Bɛtoo tweaseɛ kɛseɛ he tweneeɛ. Ɔno ne wɔ dadaa he a bɛfrɛ no Bronsam ne Satan he, ɔno ne daadaa wiase nyinaa he. Na bɛtoo no twenee asaase so a na n’abɔfoɔ nyinaa ka ne ho.


Na ɔnam anwanwadeɛ a bɛmaa no ho kwane maa no yɔeɛ ya aboa a odi kane he anim he so daadaa nnipa a bɛte asaase so nyinaa. Aboa he ka kyerɛɛ wiase nnipa nyinaa sɛ, bensi honyini mma aboa a bɛde nkrantɛ piraa no na nso n’apirakuro he awu na ɔte ase bio he.


Nsuro haw a ɔɔbɛto wo he. Tie, bɛde ho mu bi bɛto afiase na Bronsam nam so asɔ ho ahwɛ. Na ho haw he bedi dadu. Di nɔkorɛ ma me kosi wuo mu mpo, na mɛma wo nkwa abotire.


Nso ahufoɔ ne bɛ a bɛnnye nni ne akyiwadeyɔfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorɔfoɔ nyinaa benya bɛ kyɛfa ya tadeɛ a gya ne sɔfe ɔɔdɛre mu he. Yei ne wuprenu he.”


Na kuro he akyi ne nkramane ne adutofoɔ ne adwamanfoɔ ne awudifoɔ ne abosonsomfoɔ ne bɛ a bɛpɛ torɔ na bedi he nyinaa ya.


Bɛwɔ hene a odi bɛ so a ɔno ne bɔfoɔ a ɔhwɛ amena donkodonko he so. Ne dini ya Hebri kasa mu ne Abadon; na Hela kasa mu nso ɔde Apolion (a n’asekyerɛ ne “Sɛefoɔ”).


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ