7 Wiase nni nnyinasoɔ biaa de tane ho, na me deɛ ɔtane me, efiri sɛ medi ne ho adanseɛ sɛ ne nnwuma yɛ bɔne.
“Sɛ nnipa nyinaa ka ho ho asɛmpa a, honnue, efiri sɛ saa ne bɛ agyanom kaa nsɛmpa faa atorɔ adiyifoɔ he ho.
Mede w’asɛm ama bɛ, na wiase atane bɛ efiri sɛ bɛnyɛ wiase deɛ sɛnea me nso menyɛ wiase deɛ he.
Na yei ne atemmuo he, sɛ hann he aba wiase na nnipa dɔ sum kyɛne hann he, efiri sɛ bɛ nnwuma yɛ bɔne.
Saa nti adwene a osi honam nnoɔma so he tane Nyankopɔn; ɔmmrɛ ne ho ase nhyɛ Nyankopɔn mmara ase, nɔkwasɛm ne sɛ ontumi nyɔ saa mpo,
Ɔnam nɔkorɛ a meka kyerɛɛ ho nti mabɛyɛ ho tamfoɔ?
Ei awaresɛefoɔ! Honnim sɛ wiase yi adamfofa yɛ tane a bɛ tane Nyankopɔn anaa? Biaa a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo yɛ Nyankopɔn tamfoɔ.
Bɛkasa sɛ wiasefoɔ; wiase tie bɛ efiri sɛ, bɛyɛ wiase deɛ.