Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 7:30 - Apam Foforɔ

30 Nti bɛhwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so akye no nso biaa amfa ne nsa anka no, efiri sɛ na berɛ he nnuruiɛ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 7:30
22 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.


Na bɛpɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nnipadɔm he, efiri sɛ na nnipadɔm he gye no tom sɛ diyifoɔ.


Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.


Dɔno heaa mu he, atwerɛfoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he pɛɛ sɛ bɛkye no, nso na besuro nkurofoɔ he; behuu sɛ ɔmaa saa mfantoho yi tiaa bɛ.


Berɛ a na me ne ho ya asɔrefie hɔ daa he, hoantene ho nsa me so. Nso yei ne ho berɛ ne sum mu tumi.”


Na Yudafoɔ he sesaa aboɔ bio sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no.


Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ.


Na asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he ahyɛ sɛ, sɛ bi nim baabi a ɔya a, ɔmmɛkyerɛ, na bɛnkɔ kye no.


“Ɔnyɛ Mose ne maa ho mmara he? Nso ho mu baako mpo nni mmara he so. Ɛɛne nti ne hoopɛ kwane afa so aku me?”


Farisifoɔ he tee sɛ nnipakuo he oonwinwii keka yeinom fa ne ho, na Farisifoɔ ne asɔfoɔ mpanyimfoɔ he somaa asɔrefie awɛmfoɔ sɛ bɛnkɔ kye no.


Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ, na ho deɛ, berɛ biaa yɛ ma ho.


Honkɔ afahyɛ he ase, me deɛ mennya nkɔɔ afahyɛ yi ase, efiri sɛ berɛ he nnuruiɛ.”


Ɔkaa nsɛm yi berɛ a na ɔɔma nkyerɛkyerɛ ya asɔrefie sikakorabea hɔ; na biaa ankye no, efiri sɛ na ne mmerɛ nya nnuruiɛ.


Menim sɛ hoyɛ Abraham asefoɔ, nso hopɛ sɛ hoku me, efiri sɛ m’asɛm nsene ho mu.


Yei nti bɛsesaa aboɔ sɛ bɛɛbɛtoto abɔ no, nso Yesu de ne ho sieeɛ, na ofirii asɔrefie hɔ kɔeɛ.


Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ