Nti bɛsomaa bɛ asuafoɔ ne Herodefoɔ kɔɔ ne nkyɛne, kaa sɛ, “Kyerɛkyerɛfoɔ, yenim sɛ woyɛ nɔkwafoɔ, wonam nɔkorɛ so kyerɛkyerɛ Nyankopɔn kwane, na wonsuro nipa biaa, saa nso ne wonhwɛ nnipa anim.
Deɛ nti a n’awofoɔ kaa saa ne sɛ, na besuro Yudafoɔ he; efiri sɛ, na Yudafoɔ he apam dada sɛ, sɛ bi paem ka sɛ Yesu ne Kristo he a, bebetu no afiri hyiadane he mu.
Na behuu sɛnea Petro ne Yohane kasa akokoɔduro so he, na behuu sɛ bɛyɛ nnipa a bensuaa nwoma na bɛyɛ mpapahwekwaa he, ɔyɛɛ bɛ nwanwa. Na behuu sɛ na bɛne Yesu ne nanteeɛ.