20 Nnipa he buaa sɛ, “Wowɔ honhommɔne; hwane ne ɔɔhwehwɛ wo aku wo?”
ɔdɔɔso ma suani sɛ ɔbɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛni, anaa akoa sɛ ne wura. Sɛ bɛfrɛɛ fie he wura he Beelsebul a, mprɛ ahe ne bɛmfrɛ fie he mufoɔ saa bi!
Nso Farisifoɔ he teeɛ he, bɛkaa sɛ, “Yei deɛ ɔnyɛ hwee sɛ Beelsebul tumi ne beema yi de tutu ahonhommɔne.”
Nso Farisifoɔ he kaa sɛ, “Ɔde ahonhommɔne panyini tumi ne tu ahonhommɔne he.”
Ɔkaa yei sɛ efiri sɛ na bɛɛkeka sɛ, “Ɔwɔ honhom fi.”
Na bɛ mu pii kaa sɛ, “Ɔwɔ honhommɔne na waabɔ dam. Mmɛ nti ne hotie no?”
Yudafoɔ he buaa no sɛ, “Sɛ yɛka sɛ woyɛ Samariani na wowɔ honhommɔne a, ɔnyɛ nɔkorɛ?”
Yesu buaa sɛ, “Menni honhommɔne, na mmom medi m’Agya ni, na ho deɛ honni me ni.
Yudafoɔ he ka kyerɛɛ no sɛ, “Afei deɛ yɛahu sɛ wowɔ honhommɔne. Abraham wuiɛ, na adiyifoɔ he nso wuiɛ. Nso wo dɛ, ‘Biaa a obedi me nsɛm so he, onwu da.’
Afei berɛ a ɔɔka nsɛm yi de ayi n’ano he, Festo de nne kɛseɛ teaam sɛ, “Paulo, woobɔ dam! Adesua pii ɔɔyɛ ama woabɔ dam!”