Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 7:19 - Apam Foforɔ

19 “Ɔnyɛ Mose ne maa ho mmara he? Nso ho mu baako mpo nni mmara he so. Ɛɛne nti ne hoopɛ kwane afa so aku me?”

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 7:19
27 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na yei maa Farisifoɔ he firii adi kɔbɔɔ ne ti so pɔ, kwane a bɛbɛfa so aku no.


Nso berɛ a nhwɛsofoɔ he huu ne ba he, bɛka kyerɛɛ bɛ ho bɛ ho sɛ, ‘Yei ne nea obedi adeɛ he; homma yenku no na yɛmfa n’agyapadeɛ he.’


Na asɔfo mpanyimfoɔ he ne atwerɛfoɔ he teeɛ he, bɛkɔɔ so hwehwɛ kwane a bɛbɛfa so aku no nso, na besuro no, efiri sɛ, ne nkyerɛkyerɛ he twee nnipakuo he nyinaa adwene.


Na obisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne nipa wɔ ho kwane sɛ ɔyɔ no homeda, adepa anaa adebɔne, sɛ ɔbɛgye bi kra nkwa anaa ɔbɛma na asɛe?” Na biaa yɔɔ komm.


Na Farisifoɔ he firii abɔntene a pɛ, bɛ ne Herodefoɔ bɔɔ pɔ hwehwɛɛ kwane a bɛbɛfa so aku no.


Mmara he deɛ, bɛnam Mose so ne de maeɛ, na adom ne nɔkorɛ he deɛ nam Yesu Kristo so ne baeɛ.


Na bɛbɔɔ mmɔdene sɛ bɛbɛkye no, nso ofiri bɛ nsa kɔeɛ.


Nti ofiri saa da he bɛbɔɔ pɔ sɛ bebeku no.


Yei nti Yudafoɔ he hyɛɛ aseɛ sɛ bɛɛtaa Yesu, efiri sɛ ɔyɔɔ yeinom homeda.


Na yei nti afei Yudafoɔ he hwehwɛɛ sɛ bebeku no, efiri sɛ ɔnyɛ homeda nkoaa ne wabu so, na mmom ɔfrɛ Nyankopɔn sɛ ɔno ankasa n’Agya, de yɛ ne ho sɛ ɔne Nyankopɔn yɛ pɛ.


Honnsusu sɛ mɛbɔ ho soboɔ akyerɛ Agya he, na nea ɔbɔ ho soboɔ he ya hɔ, ɔno ne Mose a hode ho ani ato ne so he.


Yei akyi he, Yesu kɔɔ Galilea. Na ɔmpɛ sɛ ɔbɛkɔ Yudea efiri sɛ na Yudafoɔ he ɔɔhwehwɛ kwane bi afa so aku no.


Afei Yerusalemfoɔ he binom kaa sɛ, “Ɔnyɛ beema yi ne bɛɛpɛ no aku no yi?


Mose yiaa ne na ɔka bɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ no Bepɔ Sinai so he ho a ɔbaa asafo he mu ne yɛ nananom nkyɛne serɛ so he, na onyaa nkwa nsɛm kronkron a ɔde bɛma ho.


Hedeɛ na mmara he botaeɛ ne sɛ? Mmaratoɔ nti ne bɛde mmara he kaa apam he ho, kosi mmerɛ a Abraham aseni a na bɛahyɛ ne ho bɔ he bɛba; na abɔfoɔ nam ntamgyinafoɔ bi so hyɛɛ mu kena.


Twetiatwafoɔ he mpo nni mmara he so, nso bɛpɛ sɛ hotwa twetia na bɛagyina so ahoahoa bɛ ho.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ