Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 6:71 - Apam Foforɔ

71 Na ɔɔka Yuda Iskariot, Simon ba he ho asɛm. Ewom sɛ na ɔyɛ dummienu he mu baako deɛ, nso na oobeyi Yesu ama.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 6:71
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Asomafoɔ dummienu he bɛ dini di: deɛ odi kane ne, Simon a bɛsane frɛ no Petro; bɛ a ne bɛka ho ne ɔnoaa ne nua Andrea; Sebedeo ba Yakobo, ɔne ne nua Yohane;


Simon a ofiri Kana, ne Yuda Iskariot a oyii Yesu maeɛ he.


Afei Yuda Iskariot a ɔyɛ dummienu he mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanyimfoɔ he nkyɛne ne bɛ kɔ kasaa sɛ obeyi Yesu ama bɛ.


Nso, Yuda Iskariot, asuafoɔ he mu baako a na oobeyi no ama he kaa sɛ,


Nti berɛ a na beebedi anwummerɛduane he, na bronsam de ahyɛ Simon ba Yuda Iskariot akomam dada sɛ onyi no ma.


Yesu buaa sɛ, “Ɔno ne mede paanoo sini bɛbɔ ayowa mu ama no he.” Nti ɔde paanoo sini bɔɔ ayowa mu de kɔmaa Yuda, Simon Iskariot ba he.


Na bɛtoo nsa frɛɛ Yesu ne n’asuafoɔ he nso sɛ bɛmmra ayefohyia he ase.


Na berɛ a Yesu baeɛ he na Toma, Yesu asuafoɔ dummienu he mu baako a bɛfrɛ no Ata he, nka ho.


Nso ho mu binom nnye nni.” Na ofiri mfitiaseɛ he na Yesu nnim bɛ a bɛnnye nni ne nea obeyi no ama he.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nyɛ mene maayi ho nnipa dummienu yi? Nso ho mu baako yɛ bronsam.”


ɔnoaa ne ɔnam Nyankopɔn nhyehyɛeɛ ne ne nim a onim dada so yii no maeɛ he, na hofaa no, nam bɛ a benni mmara nsa so bɔɔ no asennua mu kuu no.


Na nnipa bi awiawia bɛ ho aba mu a befiri tete atwerɛ bɛ ho asɛm ato hɔ ama saa atemmuo yi, amumuyɔfoɔ a bɛde akohwibra bu Nyankopɔn adom he animtia, na bɛpo Owura korɔ a ɔne Awurade Yesu Kristo he.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ