Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 6:53 - Apam Foforɔ

53 Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, sɛ hoanni Nipa Ba he honam na hoannom ne mogyaa a, honnya nkwa ya ho mu.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 6:53
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

na ɔkaa sɛ “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, sɛ hoanyɔ ho ho sɛ mmɔfra a, hontumi nhyɛne soro ahennie mu.


Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho, kosi sɛ soro ne asaase betwam he, atwerɛdeɛ anaa nsensaneɛ ketewa baako mpo omfiri mmara he mu kosi sɛ ne nyinaa bɛba mu.


Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sakramane wɔ bɔno, na nnomaa a bɛya wiem wɔ pirebuo; nso Nipa Ba he deɛ onni baabi a ɔde ne ti bɛto mpo.”


Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa koraa; nso sɛ hoansakra a, saa ne bebekuku ho nyinaa nso.


Nɔkorem, meeka akyerɛ ho sɛ ɔnte saa; nso sɛ hoansakra a, bebekuku ho nyinaa saa nso.”


Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Aa! Awurade, memma wonhohoro me nane ase.” Yesu buaa sɛ, “Sɛ manhohoro wo nane ase a wonni kyɛfa biaa me mu.”


Hontena me mu na me nso mentena ho mu. Sɛnea mmane bi ankasa ntumi nso aba gye sɛ ɔtena bobe he mu he, saa nso ne hontumi nso aba gye sɛ hotena me mu.


Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”


Nea ɔgye ba he di he wɔ daa nkwa, na nea ontie ba he onhu nkwa, na Nyankopɔn abufuo ya ne so.


Yesu buaa sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ wo sɛ, bɛamfa nsuo ne honhom anwo bi a ontumi nkɔ Nyankopɔn ahennie mu.


Meeka akyerɛ ho nɔkorem sɛ, biaa a ɔgye di he benya daa nkwa.


Mene paanoo a nkwa yam a mesiane firi soro baeɛ he, sɛ bi di paanoo yi bi a, ɔbɛtena ase daa. Na paanoo a mede bɛma wiase nkwa he ne me honam.”


efiri sɛ me honam yɛ aduane ampa na me mogyaa yɛ anonneɛ ampa.


Na afei, sɛ hohu Nipa Ba he sɛ ɔɔkɔ soro, baabi a na ɔya kane he nso ɛ?


Biaa a ɔwɔ Ba he wɔ saa nkwa he, na biaa a onni Ba he nni nkwa he.


“Ma nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. “Na nea odi nkunim he, mɛma no mana a ahinta he bi. Afei mɛma no boɔ fitaa a bɛatwerɛ dini foforɔ so a biaa nnim, gye nipa a bɛde bɛma no he nko.”


Nea ɔwɔ aso he ntie nea Honhom he ka kyerɛ asafo ahodoɔ he. Bɛ a bɛadi nkunim he, mɛma bɛ akwanya na bɛadi nkwa dua a ɔya Nyankopɔn turo he mu aba he.’


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ