41 Afei Yudafoɔ he firi aseɛ nwiinwii sɛ waka sɛ, “Mene paanoo a osiane firii soro he.”
Nti Farisifoɔ ne atwerɛfoɔ he nyinaa nwiinwii kaa sɛ, “Nipa yi gye nnebɔnyɛfoɔ na ɔne bɛ didi.”
Na behuiɛ he, bɛ nyinaa nwiinwii kaa sɛ. “Beema debɔneyɛfoɔ yi ne ɔɔkɔsoɛ no yi.”
Nti Farisifoɔ ne Atwerɛfoɔ he nwiinwii kyerɛɛ n’asuafoɔ he sɛ, “Mmɛ nti ne ho ne togyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ didi nom yi?”
Na yei ne adanseɛ a Yohane diiɛ berɛ a Yudafoɔ he somaa asɔfoɔ ne Lewifoɔ firi Yerusalem baa ne nkyɛne bebisaa no sɛ, “Wone hwane?”
Na Nyankopɔn paanoo ne nea osiane firi soro ba na ɔma wiase nkwa he.”
Yesu buaa bɛ sɛ, “Honwiinwii ho mu.
Mene nkwa paanoo he.
Yei ne paanoo a osiane firii soro baeɛ a ɔnte sɛ nea ho nananom diiɛ na bewuiɛ he; nea odi paanoo yi bɛtena ase daa.”
Nti berɛ a n’asuafoɔ he mu bebree tee yei he, bɛkaa sɛ, “Asɛm yi ano ɔdene, hwane ne betumi agye?”
Yei nti n’asuafoɔ he bebree sane kɔɔ bɛ akyi, na bɛne no annante bio.
Na bɛyɛɛ ne ho huhuhuhu pii nnipadɔm he mu. Binom kaa sɛ. “Ɔyɛ nipa pa.” Binom nso kaa sɛ, “Daabi, ɔɔdaadaa nkurofoɔ he.”
Na honnnwiinwii sɛ binom yɔeɛ na sɛefoɔ he kukuu bɛ he.
Yeinom yɛ anwiinwiifoɔ, yɔnaafoɔ a bedi bɛaa bɛ akɔnnɔ akyi, na bɛyɛ anumdwafoɔ a mfasoɔ nti, bɛdɛfɛdɛfɛ nnipa.