Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 6:2 - Apam Foforɔ

2 Na nnipakuo kɛseɛ kɔɔ so dii n’akyi, efiri sɛ behuu nsɛnkyerɛnne a na ɔɔyɔ ma ayarefoɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 6:2
19 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Berɛ a Yesu huu saa he, ofirii hɔ. Nnipa bebree dii n’akyi, na ɔsaa bɛ nyinaa yadeɛ,


Nnipadɔm pii kyeree ne so nti ɔkɔtenaa kodoɔ bi mu, maa nipakuo he gyinaa mpoano hɔ.


Na osii fam he, ohuu nkurofoɔ bebree; ne yam hyehyɛɛ no maa bɛ, na ɔsaa bɛ mu ayarefoɔ he yadeɛ.


Berɛ a Yesu siane firii mmepɔ he so he, nnipadɔm pii dii n’akyi.


Nso ofirii adi, na ɔhyɛɛ aseɛ kekaa ho asɛm, ma ɔtrɛɛ maa afei deɛ Yesu antumi anyi n’anim ankɔ kuro biaa mu bio, na ɔtenaa nkuro agya, na nnipa firii mmeammea baa ne nkyɛne.


Na nnipa bebree huu sɛ Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ, na benim bɛ, na bɛyɛɛ ntɛm firii nkuro he nyinaa mu nante dii bɛ anim kane koduruu baabi a na Yesu ne n’asuafoɔ he ɔɔkɔ he.


Nti asɔfo mpanyimfoɔ ne Farisifoɔ he maa bekohyiaa abadwafoɔ he, na bɛkaa sɛ, “Mmɛ ne yɛbɛyɔ efiri sɛ nipa yi ɔɔyɔ nsɛnkyerɛnne pii?


Ɔnam sɛ bɛtee sɛ wayɔ saa nsɛnkyerɛnne yi nti, nnipakuo he kohyiaa no.


Ewom sɛ na waayɔ nsɛnkyerɛnne pii bɛ anim deɛ, nso bɛannye no anni.


Yesu yɔɔ yei Kana a ɔya Galilea. Yei ne nsɛnkyerɛnne a odi kane, na ɔdaa n’animuonyam adi; na n’asuafoɔ he gyee no diiɛ.


Na berɛ a ɔya Yerusalem Twam afahyɛ ase he, nnipa bebree a behuu nsɛnkyerɛnne a ɔyɔeɛ he gyee no diiɛ.


Na afei nsɛnkyerɛnne pii nso ya hɔ a Yesu yɔɔ n’asuafoɔ he anim a bɛantwerɛ no nwoma yi mu.


Ɔbaa Yesu hɔ anadwo bɛka kyerɛɛ no sɛ, “Rabuni, yenim sɛ woyɛ kyerɛkyerɛni a wofiri Nyankopɔn nkyɛne ne aba, na bi ntumi nyɔ nsɛnkyerɛnne a woyɔ yi, gye sɛ Nyankopɔn ka ne ho.”


Afei nnipa he huu nsɛnkyerɛnne a Yesu yɔeɛ he, bɛkaa sɛ, “Nɔkwasɛm, diyifoɔ a ɔɔba wiase he di.”


Adeɛ kyeeɛ he, nnipakuo a na begyina po he agya he huu sɛ kodoɔ biaa nni hɔ gye sɛ baako a n’asuafoɔ he kɔɔ mu he, nso Yesu ne bɛ ankɔ kodoɔ he mu, na n’asuafoɔ he nkoaa ne bɛkɔeɛ.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkwasɛm a ɔyam ne sɛ, ɔnyɛ nsɛnkyerɛnne a hohuiɛ nti ne hoohwehwɛ me, na mmom paanoo a hodi meeɛ he nti a.


Nti bebisaa no sɛ, “Abɛ nsɛnkyerɛnne ne wobɛyɔ na yɛagye wo adi? Mmɛ adwuma ne wooyɔ?


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ