34 na me deɛ, mennye adanseɛ nipa biaa nkyɛne, na meeka yeinom na hoanya nkwa.
Yerusalem! Yerusalem! Wo a woku adiyifoɔ na wosi bɛ a bɛasoma bɛ wo nkyɛne aboɔ; hwɛ mprɛ dodoɔ a mepɛɛ sɛ meboaboa wo manfoɔ ano sɛnea akokɔbaatane boaboa ne mma ano hyɛ ne ntabane ase, nso woampene so!
Na Nipa Ba he baa sɛ ɔɔbɛhwehwɛ na wagye bɛ a bɛ ayera.”
na ne dini so ne bebegyina aka adwensakra ne bɔne fakyɛ ho asɛm amansa nyinaa mu, na bɛbɛhyɛ aseɛ afiri Yerusalem.
Nso bɛatwerɛ yei ato hɔ na ama hoagye adi sɛ Yesu ne Kristo he, Nyankopɔn Ba, na hogye di a, hoanya nkwa ne dini mu.
Bi ya hɔ a odi me ho adanseɛ na menim sɛ adanseɛ a odi fa me ho he yɛ nɔkorɛ.
Mennye animuonyam mfiri nnipa nkyɛne.
Yesu buaa sɛ, “Sɛ m’ankasa mehyɛ me ho animuonyam a, m’animuonyam he nyɛ hwee. M’Agya a hoka sɛ ɔyɛ ho Nyankopɔn he ne hyɛ me animuonyam
Anuanom, m’akoma so adeɛ ne mpaeɛ a mebɔ kyerɛ Nyankopɔn ne sɛ ɔbɛgye me mane Israel nkwa.
Nso Israel ho deɛ ɔkaa sɛ, “Da nyinaa metrɛɛ me nsam maa mane asoɔdenfoɔ ne nyiyianofoɔ yi.”
Mma bɔne nnni wo so, na mmom fa papa di bɔne so nim!
Na sɛ bɛ mu binom annye anni ɛ? Nti bɛgye a bɛannye anni he bɛsesa Nyankopɔn nɔkorɛdie he anaa?
Bɛ a bɛyɛ mmerɛ he meyɛ sɛ maayɛ mmerɛ, sɛdeɛ mɛgye bɛ a bɛyɛ mmerɛ. Meyɛ me ho adeɛ nyinaa ma nipa nyinaa, sɛdeɛ metumi agye binom.
Ma w’ani mmara wo ho so ɔne wo nkyerɛkyerɛ so paa; toa so yeinom mu na wonam saa yɔ so bɛgye wo ne w’atiefoɔ nkwa.
Sɛ yɛgye nnipa adanseɛ di a adanseɛ a Nyankopɔn di he kyɛne no. Na Nyankopɔn adanseɛ he ne adanseɛ a wadi afa ne Ba he ho.