30 “M’ankasa mentumi mmɔ me tim nyɔ hwee. Nea mete heaa ne megyina so bu atɛne, na atɛne a mebu he tene, efiri sɛ menhwehwɛ nea m’ankasa mepɛ, na mmom nea ɔsomaa me he apɛdeɛ.
Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.
Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.
Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honya ma nipa ba he so a, saa berɛ he ne hobehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tim nyɔ bibiaa, na nea Agya he kyerɛkyerɛ me he, ɔno ne meka.
Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ Nyankopɔn yɛ ho Agya a nka hobɛdɔ me, efiri sɛ mefiri Nyankopɔn hɔ ne baeɛ. Ɔnyɛ mene mede mepɛ baeɛ na mmom ɔno ne somaa me.
Nso w’akoma pirim ɔne sesa a wompɛ sɛ wosesa nti, wooboaboa Nyankopɔn abufuo ano ama wo ho ama abufuo da he, berɛ a Nyankopɔn atemmuo a ɔtene he beyi ne ho adi;