Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 5:20 - Apam Foforɔ

20 Agya he dɔ Ba he, na ɔbɛkyerɛ no nnoɔma a ɔno ankasa yɔ nyinaa. Na ɔbɛkyerɛ no nnwuma akɛseɛ asene yeinom na ayɛ ho nwanwa.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 5:20
17 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa; na biaa nnim Ba he, gye Agya he; na biaa nnim Agya he nso, gye Ba he ne biaa a Ba he pɛ sɛ ɔbɛma n’ahu no.


Berɛ a ogu so ɔɔkasa he, amonom hɔaa mununkum bi a ɔhyerɛn bɛkataa bɛ so, na nne bi firi mununkum he mu kaa sɛ, “Yei ne me Ba, deɛ medɔ no he; ɔno ne sɔ m’ani; hontie no!”


Na nne bi firi soro kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani.”


Afei nso, Bronsam faa no de no kosii bepɔ tentene bi atifi, na ɔkyerɛɛ no wiase ahennie ne mu afɛfɛdeɛ nyinaa,


M’Agya de nnoɔma nyinaa ahyɛ me nsa, na biaa nnim onii ko a Ba he yɛ, gye Agya he; na biaa nnim onii a Agya he yɛ, gye Ba he ne nea Ba he pɛ sɛ ɔda no adi kyerɛ no nkoaa.”


Biaa nni hɔ a wahu Nyankopɔn da. Nyankopɔn a ɔyɛ Ba koro he, nea ɔya Agya he kokom he, ɔno ne wada no adi.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Maada nnwumapa pii adi akyerɛ ho a efiri Agya he nkyɛne. Nnwuma yi mu nea ɔya he nti ne hoobesi me aboɔ yi?”


Meeka akyerɛ ho nɔkorem paa sɛ, nea ɔgye me di he, nnwuma a meyɔ he ɔno nso bɛyɔ bi, na ɔbɛyɔ nnwuma bebree asene yeinom, efiri sɛ, me deɛ meekɔ Agya he nkyɛne.


Memmfrɛ ho nkoa bio, efiri sɛ akoa nnim nea ne wura yɔ. Na mmom maafrɛ ho me nnamfo, efiri sɛ maada bibiaa a mate afiri m’Agya hɔ adi akyerɛ ho.


Maada wo dini adi akyerɛ bɛ, na mɛda no adi akyerɛ, sɛ ɔbɛyɛ a dɔ a wode adɔ me he bɛtena bɛ mu, na matena bɛ mu.”


Agya he dɔ Ba he, na ɔde nnoɔma nyinaa ahyɛ ne nsa.


Na sɛnea Agya he nyane awufoɔ na ɔma bɛ nkwa he, saa ne Ba he nso de nkwa ma bɛ a ɔno ankasa pɛ.


“Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, berɛ he ɔɔba, na anya aduru, sɛ awufoɔ bɛte Nyankopɔn Ba he nne, na bɛ a bebetie no he benya nkwa.


na bɛafiri adi, na bɛ a bɛayɔ papa he bɛkɔ nkwa wusɔreɛ mu, na bɛ a bɛayɔ bɔne he bɛkɔ fobuo wusɔreɛ mu.


Na berɛ a onyaa anidie ne animuonyam firi Agya Nyankopɔn hɔ na nne bi firi animuonyam kɛseɛ mu kaa sɛ, “Yei ne me dɔ Ba a ɔsɔ m’ani he,”


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ