Biblia Todo Logo
အွန်လိုင်း သမ္မာကျမ်းစာ

- ကြော်ငြာတွေ -




Yohane 5:19 - Apam Foforɔ

19 Yesu buaa bɛ sɛ, “Nɔkorɛ meeka akyerɛ ho sɛ, Ba he ankasa ntumi mmɔ ne ti mu nyɔ hwee, gye sɛ nea ohu sɛ Agya he yɔ, efiri sɛ bibiaa Agya he yɔ he, ɔno ne Ba he nso yɔ.

အခန်းကိုကြည့်ပါ။ ကော်ပီ




Yohane 5:19
43 ပူးပေါင်းရင်းမြစ်များ  

Na ɔkɔɔ anim kakra he, ɔde n’anim kobutuu fam bɔɔ mpaeɛ sɛ, “M’Agya sɛ obetumi a, ma kuruwaa yi ntwam me ho, nso ɔnyɛ deɛ mepɛ na mmom deɛ wopɛ (ne nyɛ hɔ).”


efiri sɛ mɛma ho ano ne nyansa a bɛ a bɛsɔre tia ho nyinaa ntumi nnyina ano anaa bɛmmɔ ngu.


Biaa nnye mfiri me nsam, na m’ankasa ne mefiri mepɛ mu de to hɔ. Mewɔ tumi sɛ mede to hɔ, na mewɔ tumi sɛ mesane fa bio. Menyaa yei ho ahyɛdeɛ firii m’Agya nkyɛne.”


efiri sɛ me deɛ ɔnyɛ mene mehyɛɛ me ho kasaeɛ, na Agya he a ɔsomaa me he ne hyɛɛ me nea menka ne sɛnea menkasa.


Na menim sɛ n’ahyɛdeɛ yɛ daa nkwa. Nti deɛ maka he, sɛnea Agya he aka akyerɛ me he, saa ne meka.”


Wonnye nni sɛ meya Agya he mu, na Agya he nso ya me mu anaa? Nsɛm a meka kyerɛ ho he, omfiri meaa me tim ne meka, na Agya a ɔte me mu he ne yɔ ne nnwuma.


Yesu buaa bɛ sɛ, “Honnwiri asɔredane yi ngu, na mede nnansa besi no bio.”


Yesu buaa no sɛ, “Meeka nɔkwasɛm paa akyerɛ wo sɛ, bɛamfiri soro anwo bi a ontumi nnya kyɛfa biaa Nyankopɔn ahennie he mu.”


Na sɛnea Agya he nyane awufoɔ na ɔma bɛ nkwa he, saa ne Ba he nso de nkwa ma bɛ a ɔno ankasa pɛ.


efiri sɛ mefiri soro ne aba sɛ hobɛyɔ nea ɔsomaa me he apɛdeɛ, na ɔnyɛ m’ankasa me deɛ.


Nti Yesu ka kyerɛɛ bɛ sɛ, “Sɛ honya ma nipa ba he so a, saa berɛ he ne hobehu sɛ mene no, na memmɔ m’ankasa me tim nyɔ bibiaa, na nea Agya he kyerɛkyerɛ me he, ɔno ne meka.


Adekyeɛ ya hɔ yi ɔsɛ sɛ yɛyɔ nea ɔsomaa yɛ he nnwuma; anadwo ɔɔba a biaa ntumi nnyɔ adwuma.


Nyankopɔn anyane no afiri wuom, na waayi wuo-yeyaa afiri ne so, efiri sɛ ontumi mma sɛ ɔbɛkɔ so ahu wuo amaneɛ.


Nti besiee yɛ ne no ya asubɔ mu kɔɔ wuom, sɛ, sɛnea bɛde Agya he animuonyam nyanee Kristo firii awufoɔ mu he, saa ne ɔsɛ sɛ yɛ nso yɛnante nkwa foforɔ mu.


Na afei sɛ nea ɔnyanee Yesu firii awufoɔ mu he Honhom te ho mu a, hedeɛ deɛ ɔnyanee Kristo firii awufoɔ mu he bɛma ho nnipadua a owu he nkwa ɔnam ne Honhom a ɔte ho mu he nti.


Na afei, sɛ bɛpae mu ka sɛ bɛanyane Kristo afiri awufoɔ mu a, obaa no sɛ ne homu binom ka sɛ awufoɔ sɔreeɛ nni hɔ?


efiri sɛ yenim sɛ deɛ ɔnyanee Awurade Yesu he benyane yɛ ne no nso, na ɔde yɛ ne ho aba n’anim.


Na ɔsɛ sɛ yɛ nyinaa yɛkogyina Kristo atemmuo adwa he anim, na biaa anya n’akatua nea ɔde ne nnipadua yɔɔeɛ ho, sɛ ɔyɛ papa anaa bɔne.


ama yɛ a na yɛawu mfomsoɔ mu he ne Kristo nkwa. Ɔnam adom so ne Nyankopɔn agye ho nkwa,


Mebɔ mpaeɛ sɛ, sɛnea n’ahonya animuonyam teɛ sɛ ɔbɛma ho mu nipadua a ahinta he ase atim tumi a ɔnam ne Honhom so he mu,


Na ɔno ne bɛsane ayɔ yɛ nipadua a bɛbɛbrɛ no ase he yie, na ama ayɛ sɛ n’animuonyam nipadua he, sɛnea ne tumi a ɔya hɔ he yɔ adwuma, meekyerɛ sɛ ɔbɛbrɛ nnoɔma nyinaa ase ahyɛ n’ase.


Metumi fa tebea biaa mu, deɛ ɔhyɛ me dene he nti.


Na ahoɔdene a ofiri n’animuonyam tumi nyinaa mu mma honyɛ dene, na ama hoanya boasetɔ ne abodwokyɛre nnoɔma nyinaa mu, ya anigyeɛ mu,


efiri sɛ ɔnam ne so ne bɛbɔɔ nnoɔma nyinaa, deɛ ɔya soro ne deɛ ɔya asaase so, nnoɔma a yehu ne nnoɔma a yenhu, sɛ nhennwa oo, wuradie oo mpanyinnie oo, tumidie oo, bɛnam ne so ne bɔɔ ne nyinaa, na bɛbɔɔ ne nyinaa maa no.


Na yɛgye di sɛ Yesu wuiɛ na ɔsɔreeɛ bio a, saa ara nso ne Nyankopɔn de bɛ a bɛawu he nam Yesu so bɛka Yesu ho aba.


Na Kristo nso huu bɔne ho amane prɛko; ɔno a ɔtene he wu maa abɔnefoɔ, na ɔde ho akɔ Nyankopɔn nkyɛne; ɔno na bekuu no honam mu nso, ɔnam Honhom he so sɔreeɛ,


Afei, meku n’akyidifoɔ he, na asafo he nyinaa behu sɛ mene deɛ ɔhwehwɛ adwene ne akoma mu. Metua ho mu biaa ka sɛnea ne nwuma teɛ.


ကြှနျုပျတို့နောကျလိုကျပါ:

ကြော်ငြာတွေ


ကြော်ငြာတွေ