25 Na baa he ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesaia he ɔɔba” (nea bɛfrɛ no Kristo he). “Sɛ ɔba a, ɔbɛka yei nyinaa akyerɛ yɛ.”
na Yakob woo Yosef, Maria kunu he. Saa Maria yi ne woo Yesu a bɛfrɛ no Kristo he.
Nti behyia wieeɛ he, Pilato bisaa bɛ sɛ, “Hwane ne hopɛ sɛ meyi no ma ho, Baraba, anaa Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?”
Pilato bisaa bɛ sɛ, “Mmɛ ne memfa nyɔ Yesu a bɛfrɛ no Kristo he?” Bɛ nyinaa bɛkaa sɛ, “Ma bɛmmɔ no asennuam!”
efiri sɛ bɛawo Agyenkwa a ɔne Awurade Kristo he ama ho nnɛ Dawid kurom.
Natanael kaa sɛ, “Ampa, Rabuni, wone Nyankopɔn Ba he! Wone Israelfoɔ Hene he!”
“Hommra mmɛhwɛ beema bi a waka m’asumasɛm nyinaa akyerɛ me! Ɔnyɛ yei ne Kristo he anaa?”
Ɔnam baa he adanseɛ sɛ, “Ɔkaa m’asumasɛm nyinaa kyerɛɛ me” nti, Samariafoɔ bebree a na bɛya saa kuro he mu gyee Yesu diiɛ.
Bɛka kyerɛɛ baa he sɛ, “Afei, ɔnyɛ nea wokaeɛ he nti ne yɛagye adi, efiri sɛ yɛ ankasa yɛate na yɛahu sɛ nipa yi ne wiase Agyenkwa he ampa.”